Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 1:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Hakalia ba Nehemia nsɛm nie. Na bosome Kislew mu, afe a ɛtɔ so aduonu a mewɔ Susan aban mu no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Hakalia ba Nehemia nsɛm nie. Na bosome Kislew mu, afe a ɛtɔ so aduonu a mewɔ Susan aban mu no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Hakalia babarima Nehemia nsɛm ni: Ɔsram Kislev (bɛyɛ Obubuo) mpaemu akyi wɔ Ɔhene Artasasta adedi afe a ɛto so aduonu so no, na mewɔ Susa aban mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Hakalia babarima Nehemia nsɛm nie: Ɔbosome Kislew (bɛyɛ Ɔpɛnimaa) mpaemu akyi wɔ Ɔhene Artasasta adedie afe a ɛtɔ so aduonu so no, na mewɔ Susa aban mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Hakalia ba Nehemia nsɛm ni. Na ɔsram Kislew afe a ɛto so aduonu no mu a mewɔ Susan aban mu no,

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 1:1
9 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa boaboaa wɔn ano bɛhyiaa Yerusalem nnansa mu, ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu. Na ɔman no nyinaa tenatenaa Nyankopɔn fie no anim mpraeɛ no so, na asɛm no ne osu kɛseɛ bi nti wɔn ho popoe.


Na Israelfoɔ mu bi, ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nsɔfokwaa no mu binom ne no foro baa Yerusalem, Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so nson mu.


Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia,


Na Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu, bosome Nisan mu no, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so de maa ɔhene no. Nso na menyɛɛ m’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.


Nso ɛfiri da a wɔde me yɛɛ Yuda asase so amrado no, ɛfiri Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu kɔsi afe a ɛtɔ so aduasa mmienu soɔ no, mfeɛ dummienu, me ne me nuanom anni amrado aduane.


ɛberɛ a na Ɔhene Akas-weros te n’ahennwa a ɛwɔ Susa abankɛseɛ mu no soɔ,


Na awɛmfoɔ no firi kɔɔ ntɛmntɛm sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susa kuro no mu ayɛ bisibasaa.


Na mehunuu no anisoadehunu no mu sɛ, na mewɔ Susa ahemfie a ɛwɔ Elam asase soɔ no mu. Na mehunuu no anisoadehunu no mu bio sɛ, na mewɔ Asuo Ulai ho.


Na Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so nnan mu no, AWURADE asɛm baa Sakaria nkyɛn, bosome a ɛtɔ so nkron a ɛne Kislew no da a ɛtɔ so nnan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios