Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nahum 3:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ɔpɔnkɔ abaa gyegye, teaseɛnam nan yɛ kirididi, apɔnkɔ fa mmirika, nteaseɛnam hurihuri.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Ɔpɔnkɔ abaa gyegye, teaseɛnam nan yɛ kirididi, apɔnkɔ fa mmirika, nteaseɛnam hurihuri.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Apɔnkɔkafo abaa regyigye, nteaseɛnam nhankare reyɛ kirididi Apɔnkɔ rehuruhuruw ne nteaseɛnam redankyidankyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Apɔnkɔkafoɔ abaa regyegye, nteaseɛnam nhankra reyɛ kirididi Apɔnkɔ rehurihuri ne nteaseɛnam redenkye denkye.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Ɔpɔnkɔ abaa gyigye, teaseɛnam nan yɛ kirididi, apɔnkɔ fa mmirika, nteaseɛnam huruhuruw.

Ver Capítulo Copiar




Nahum 3:2
7 Referencias Cruzadas  

Na ɔko kitikitiyɛ mu amiafoɔ amiadeɛ nyinaa ne ntoma a wɔde afɔrefɔre mogya no, wɔbɛhye no sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya.


wɔn apɔnkɔ akunini ntɔte a ɛsisi fam tim tim no kitikitiyɛ ne wɔn nteaseɛnam a ɛyɛ twɛtwɛrɛdɛdɛ ne ne nan huuyɛ nti, agyanom nnane wɔn ani nhwɛ wɔn mma, wɔn nsa mu goɔ no nti,


Wɔn ho te sɛ apɔnkɔ ho, na wɔtu mmirika sɛ apɔnkɔsotefoɔ.


Wɔhurihuri sɛ nteaseɛnam kitikitiyɛ mmepɔ atifi, sɛ ogyaframa a ɛhye nkyɛnkyɛmma turiturie, sɛ ɛdɔm a ɛyɛ den a wɔasiesie wɔn ama ɔko.


Ɛno na apɔnkɔ nammuromu pempem fam ammirikatuo mu, n’ahoɔdenfoɔ ammirikatuo nti.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios