Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nahum 3:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Hwɛ, w’akofoɔ ayɛ mmaa wɔ wo mu, bue na wɔabue w’asase apono ama w’atamfo, ogya ahye w’apono akyiri adaban.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Hwɛ, w’akofoɔ ayɛ mmaa wɔ wo mu, bue na wɔabue w’asase apono ama w’atamfo, ogya ahye w’apono akyiri adaban.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Hwɛ wʼakofo wɔn nyinaa yɛ mmea! Wʼasase so apon ano deda hɔ ma wʼatamfo; ogya ahyew wʼapon no akyi adaban.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Hwɛ wʼakofoɔ wɔn nyinaa yɛ mmaa! Wʼasase so apono ano deda hɔ ma wʼatamfoɔ; ogya ahye wʼapono no akyiri adaban.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Hwɛ, w’akofo yɛ mmea wɔ wo mu, obue na wɔabue w’asase apon ama w’atamfo, ogya ahyew w’apon akyi adaban.

Ver Capítulo Copiar




Nahum 3:13
11 Referencias Cruzadas  

sɛ wabubu kɔbere mfrafraeɛ apono, na watwitwa adaban mu asinasini.


Na wahyɛ w’aponkɛseɛ adaban den, wahyira wo mma a wɔwɔ wo mu.


Ɛda no, Misraim bɛyɛ sɛ mmaa, na wɔbɛsuro na wɔn ho apopo, asafo AWURADE nsa wosoɔ a ɔbɛwoso wɔ wɔn soɔ no nti.


Afena wɔ akɔmfoɔ atorofoɔ no so, na wɔadanedane nkwasea. Afena wɔ wɔn nnɔmmarima so, na wɔn akoma atu na wɔakunkum wɔn.


Afena wɔ wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam ne asraafoɔ afrafrafoɔ a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa so, na wɔadanedane mmaa; afena wɔ n’akoradeɛ so na wɔafom afa.


Babel nnɔmmarima agyae ko tete wɔn aban mu, wɔn mmaninyɛ to atwa, wɔadanedane mmaa; wɔato wɔn afie mu gya, wɔabubu akyire adaban.


Teman, wo nnɔmmarima akoma bɛtu, na wɔakum nnipa nyinaa afiri Esau bepɔ so.


nanso wɔabue nsubɔntene no ano aponkɛseɛ no, na ahodwirie aba ahemfie.


Na wɔahyɛ no saa, wɔapa Ninewe ho, wɔafa no kɔ, na ne mmaawa si apini sɛdeɛ mmuruburo pempem wɔn kokoɔ.


Ɛhɔ ara na ogya bɛhye woɔ, afena bɛtwa wo adi wo sɛ ntutummɛ, mpo sɛ wo dodoɔ te sɛ ntutummɛ, na wo dɔɔso sɛ mmɛbɛ a.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios