Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nahum 1:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Hwɛ, mmepɔ so na asɛmpakafoɔ nan wɔ, wɔreka asomdwoeɛsɛm! Yuda, di wo nnapɔnna, ma w’aboadeɛ, na ohuhuni no remfa wo mu bio, wɔatwa no atwene koraa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Hwɛ, mmepɔ so na asɛmpakafoɔ nan wɔ, wɔreka asomdwoeɛsɛm! Yuda, di wo nnapɔnna, ma w’aboadeɛ, na ohuhuni no remfa wo mu bio, wɔatwa no atwene koraa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Hwɛ mmepɔw no so, nea ɔde asɛmpa no ba no anammɔn ɔno na ɔka asomdwoesɛm! Yuda di wʼafahyɛ na di wɔ bɔhyɛ so. Nnipabɔne rentu wo so sa bio; Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Hwɛ mmepɔ no so, deɛ a ɔde asɛmpa no ba no anammɔn ɔno na ɔka asomdwoesɛm! Ao, Yuda di wʼafahyɛ na di wɔ bɔhyɛ so. Nnipa bɔne rentu wo so sa bio; Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Hwɛ, mmepɔw so na asɛmpakafo nan wɔ, wɔreka asomdwoesɛm. Yuda, di wo nnapɔnna, ma w’aboade, na ohuhuni no remfa wo mu bio, woatwa no akyene koraa.

Ver Capítulo Copiar




Nahum 1:15
21 Referencias Cruzadas  

Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,


Me na medii kan meka mekyerɛɛ Sion sɛ: Hwɛ, wɔn nie: Na Yerusalem na memaa no ɔsɛmpakafoɔ.


Anwia pradada so ne ɛso nkuro mma wɔn nne so, nkurowa a Kedar te soɔ no; ma wɔn a wɔte Sela nto ahurisie dwom, wɔmfiri mmepɔ atifi mmɔ ahosɛpɛ se.


O Sion, nyane ɛ, nyane ɛ! hyɛ w’ahoɔden! O Yerusalem, kuro kronkron, hyɛ w’animuonyam atadeɛ! na momonotoni ne deɛ ne ho nteɛ biara renkɔ so nhyɛne wo mu bio.


Sɛdeɛ obi a ɔnam mmepɔ soɔ ka asɛmpa no nan si yɛ fɛ fa! Ɔno na ɔka asomdwoeɛsɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagyeɛ asɛm, na ɔka kyerɛ Sion sɛ: Wo Nyankopɔn di hene!


Na mobɛhunu sɛ me, AWURADE, mene mo Nyankopɔn a mete Sion, me bepɔ kronkron no so, na Yerusalem bɛdane kronkronbea, na ananafoɔ rentwa mu hɔ bio.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE afahyɛ ahodoɔ a mompae sɛ ɛnyɛ nhyia kronkron, m’afahyɛ nna no nie.


Yeinom ne AWURADE afahyɛ, nhyia kronkron a mompae ne mmerɛ mu no:


Na wo Ninewe, AWURADE ahyɛ wo ho mmara sɛ, wo din bɛyera afiri asase so. Mɛtwitwa ohoni a wɔasene ne oguo honi afiri wo nyame fie; mɛbɔ wo damena, ɛfiri sɛ woadane ayɛ atantanneɛ.


Na ɔbɔfoɔ no see wɔn sɛ: Monnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigyeɛ pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo,


Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoeɛ nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so.


Sɛdeɛ asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma berɛ a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoeɛ ho asɛmpa no teɛ no; ɔno ne nnipa nyinaa wura.


Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuro? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Sɛdeɛ nnepa ho asɛmpakafoɔ no anan si yɛ fɛ fa!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios