Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nahum 1:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na wo Ninewe, AWURADE ahyɛ wo ho mmara sɛ, wo din bɛyera afiri asase so. Mɛtwitwa ohoni a wɔasene ne oguo honi afiri wo nyame fie; mɛbɔ wo damena, ɛfiri sɛ woadane ayɛ atantanneɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na wo Ninewe, AWURADE ahyɛ wo ho mmara sɛ, wo din bɛyera afiri asase so. Mɛtwitwa ohoni a wɔasene ne oguo honi afiri wo nyame fie; mɛbɔ wo damena, ɛfiri sɛ woadane ayɛ atantanneɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho: “Worennya asefo a wo din bɛda wɔn so. Mɛsɛe nsɛsode a wɔasen ne ahoni a wɔagu a esisi wʼabosonnan mu no. Mesiesie wo da efisɛ woadan ayɛ atantanne.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho: “Worennya asefoɔ a wo din bɛda wɔn so. Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wɔasene ne ahoni a wɔaguo a ɛsisi wʼabosonnan mu no. Mɛsiesie wʼadamena ɛfiri sɛ wadane ayɛ atantanneɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na wo Niniwe, AWURADE ahyɛ wo ho mmara sɛ wo din bɛyera afi asase so; metwitwa ohoni a wɔasen ne ogu honi afi wo nyame fi; mɛbɔ wo damoa, efisɛ woadan atantanne.

Ver Capítulo Copiar




Nahum 1:14
21 Referencias Cruzadas  

Na ɔresɔre ne nyame Nisrok fie no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrantɛ kumm no, na wɔfiri hɔ dwane kɔɔ Ararat asase so. Na ne ba Esarhadon bɛdii n’adeɛ.


Ɛnna AWURADE somaa ɔbɔfoɔ maa no bɛdwerɛɛ Asiriahene nsraban mu nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho ne mmapɔmma ne asafohene nyinaa, na ɔde aniwuo sane kɔɔ n’asase so. Na ɔkɔhyɛnee ne nyame fie, na ɛhɔ na wɔn a wɔfiri ne yafunu mu no mu bi maa no tɔɔ nkrantɛ ano.


Ne nkaeɛ bɛsɛe afiri asase so, na ɔrennya din asase ani.


Ma wɔnhye n’ase, ma wɔn din ngu awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ yi mu.


Yɛ sɛ ɔbotan a mɛtena so maba hɔ daa. Woahyɛ sɛ wɔnnye me nkwa, na wone me botan ne me ho fasuo.


Na merebɛtwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na mɛbu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.


Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira, na abɔnefoɔ din bɛporɔ.


Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum haahare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuo ho bɛpopo n’anim, na Misraimfoɔ akoma bɛnane wɔ wɔn mu.


Mo a mowɔ akyirikyiri, montie deɛ mayɛ, na mo a mobɛn, monhunu me mmaninyɛ.


Monka no amanaman mu, momma wɔnte na monsi frankaa, momma wɔnte, na mommfa nsuma, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwuo, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔahyɛ n’ahoni aniwuo, wɔayɛ n’abosom pasaa.


Na ɔhohorani bi bɛsɔre asi n’ananmu a wɔmfaa ahennie mu animuonyam mmaa no; na ɔbɛfiri awora aba de tɛkyerɛmakyene abɛfa ahennie no mu.


TEKEL, wɔakari wo nsania mu, na wɔahu wo sɛ wonnu;


Na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na matwitwa mo aduhwam afɔrebukyia no agu, na matoto mo afunu agu mo abosonhunu afunu no so, na mo ho ayɛ me kra nwunu.


na mɛtwitwa w’ahoni ne w’adum afiri wo mu, na woansɔre wo nsa ano adwuma bio;


na mɛtutu w’abosompɔ Asera afiri wo mu, na masɛe wo nkuro;


Woatu agyina anya aniwuo ama wo fie, sɛ woatwitwa aman pii aguo, na woayɛ wo kra bɔne.


Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fie atɛn akɔsi daa, amumuyɛ no nti, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne mma retwetwe mmusuo, na wanka wɔn anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios