Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 6:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɔkwadwofoɔ, kɔ tɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hunu nyansa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Ɔkwadwofoɔ, kɔ tɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hunu nyansa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔkwadwofo, kɔ ɔtɛtea nkyɛn; hwɛ nʼakwan, na hu nyansa!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔkwadwofoɔ, kɔ atɛtea nkyɛn; hwɛ nʼakwan, na hunu nyansa!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Ɔkwaadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hu nyansa.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 6:6
24 Referencias Cruzadas  

Na kwa ara na wɔasum fidie ntakraboa nyinaa anim.


Sɛ nsa kekakeka yɛ ɛse na wisie yɛ aniwa no, sɛ onihafoɔ yɛ wɔn a wɔsoma no ne no.


Ohia bɛhia deɛ ɔtwentwɛn ne nsa aseɛ, na nsiyɛfoɔ nsa ma wɔnya wɔn ho.


Onihafoɔ kra kɔn dɔ, na ɔnnya, na nsiyɛfoɔ kra deɛ ɔbɛdɔre sradeɛ.


Onihafoɔ kwan te sɛ nkasɛɛ ban, na teefoɔ kwan yɛ petee.


Deɛ ɔtoto n’adwuma aseɛ nso, ɔdesɛefoɔ nua ne no.


Aniha yɛ nnahɔɔ, na onipa kwadwofoɔ bɛdi kɔm.


Ɔkwadwofoɔ de ne nsa to ayowa mu, na ɔnsane mfa nkɔ n’anomu mpo.


Awɔ nti ɔkwadwofoɔ mfuntum, twaberɛ mu ɔbɛhwehwɛ biribi, nanso ɔrennya hwee.


Ɔkwadwofoɔ akɔnnɔ ku no, ɛfiri sɛ ne nsa nsɔ adeɛ mu.


Ɔkwadwofoɔ se: Gyata wɔ adihɔ, wɔbɛku me, mmorɔno so!


Me ba, wo deɛ, tie, na hunu nyansa, na tene w’akoma kɔ ɔkwan no so.


Nnoɔma nnan na ɛsusua asase soɔ, nanso wɔyɛ anyansafoɔ, wɔakyerɛ wɔn nyansa:


Ntɛtea, ɔman a wɔnni ahoɔden biara, nanso wɔsiesie wɔn aduane ahuhuberɛ.


Wobɛda akɔsi da bɛn, ɔkwadwofoɔ? Berɛ bɛn na wobɛsɔreɛ afiri wo nna mu?


Nantwie nim ne wura, na afunumu nim ne wura adididaka, na Israel deɛ, ɔnnim, me man nni nteaseɛ.


Asukɔnkɔn a ɔwɔ wiem mpo nim ne berɛ, anyankuku, asomfenakatakyi ne nantwinoma wɛn wɔn ba berɛ, nanso me man deɛ wɔnnim AWURADE ahyɛdeɛ.


Ɛnna ne wura no bua see no sɛ: Akoa bɔne ne onihafoɔ, wonim sɛ metwa faako a mennuaeɛ, na meboaboa ano faako a memfa mempeteeɛ?


Monhwɛ wiem nnomaa sɛ wɔngu na wɔntwa na wɔmmoaboa ano ngu asan soɔ, nanso mo soro Agya yɛne wɔn; na monsom boɔ nsene wɔn anaa?


Monnyɛ mmɔdemmɔ mu nyaa, monyɛ honhom mu hye, monsom Awurade!


na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidie ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios