Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 6:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ w’akomam, na mma no mmfa n’anisuatɛtɛ nnkye wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ w’akomam, na mma no mmfa n’anisuatɛtɛ nnkye wo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ, mma nʼani akyideda no ntwetwe wo,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ mma nʼani akyideda no ntwetwe wo,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ wo komam, na mma ɔmmfa n’anisuatɛtɛw nnkyere wo.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 6:25
10 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Yehu baa Yesreel. Na Isebel teeɛ no, ɔkekaa n’ani ho adubire, na ɔhyehyɛɛ ne ti, na ɔhwɛɛ mpomma mu.


Apam na me ne m’ani apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabunu?


Woakye m’akoma, me nuabaa, m’ayeforɔ, wode w’aniwa a wode hwɛɛ me no afa m’akoma ne wo kɔn mu ntweaban baako.


Na AWURADE kaa sɛ: Ɛsiane sɛ Sion mmammaa yɛ ahantan na wɔtoto abamkɔn deda wɔn ani akyi nante, wɔde anammɔn ntiantia nenam ma wɔn nan ase nkaa gyegyeɛ nti,


Na wo nso, wo a wɔasɛe woɔ yi, worekyerɛ sɛn ni na wofira tam kɔkɔɔ, na wode sika ahyehyɛdeɛ hyehyɛ wo ho, na wode adubire keka w’ani yi? Ɔkwa ara kwa na wohyehyɛ wo ho fɛfɛɛfɛ. Adɔfo apo wo, wɔrepɛ wo aku wo.


Na mpo wɔsoma maa wɔkɔhyiaa mmarima a wɔfiri akyirikyiri bae, na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn, na hwɛ, wɔbae; wɔn na wodwaree wo ho maa wɔn, de adubire kekaa w’ani, na wode ahyehyɛdeɛ hyehyɛɛ wo ho,


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no n’akomam dada.


Na mma wo kɔn nnɔ wo yɔnko yere. Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fie, n’asase ne n’akoa ne n’afenaa, ne nantwie ne n’afunumu ne biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios