Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 30:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho teɛ wɔ wɔn ara wɔn ani soɔ, nanso wɔntee wɔn ho mfirii wɔn fi mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho teɛ wɔ wɔn ara wɔn ani soɔ, nanso wɔntee wɔn ho mfirii wɔn fi mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔn a wɔteɛ wɔ wɔn ankasa ani so nanso wɔnhohoroo wɔn ho fi no;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔn a wɔtene wɔ wɔn ankasa ani so a ɛnso wɔnhohoroo wɔn ho fi;

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho tew wɔn ankasa ani so, nanso wonguaree wɔn mfii wɔn fi mu ɛ.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 30:12
26 Referencias Cruzadas  

Me deɛ, me ho te, mmarato nni me ho; me ho yɛ tɔtorɔtɔɔ, amumuyɛ biara nni me ho.


Na ɔbu ne ho bi ɔno ara ani so sɛ wɔrenhunu n’amumuyɛ na wɔakyi.


Hohoro me ho firi m’amumuyɛ mu koraa, na prapra me ho firi me bɔne mu.


Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi; dware me, na mayɛ fitaa asene nwera.


Onipa akwan nyinaa so te n’ani so, na ahonhom karifoɔ ne AWURADE.


Onipa kwan biara tene n’ani so, nanso akoma karifoɔ ne AWURADE.


Monnware, monnwira mo ho. Monyi mo nneyɛɛ mu bɔne mfiri m’ani so, monnyae bɔneyɛ.


Wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho te sene woɔ no. Yeinom ne me hwene mu wisie, ogya a ɛdɛre daa nyinaa.


woka sɛ: Medi bem. Ampa ara, n’abufuo adane afiri me so. Hwɛ, me ne wo bɛdi, sɛ woka sɛ: Menyɛɛ bɔne, no nti.


Hohoro w’akoma ho firi bɔne mu, O Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkɔsie?


Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,


Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de firi Misraim asase so; mɛma woatena ntomadan mu bio sɛ afahyɛ nna no mu.


Ɛda no wɔbɛbue nsuo aniwa ano ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de adwira wɔn ho, bɔne ne ahokum ho.


Na ɔsee wɔn sɛ: Moyɛ wɔn a wɔbu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔnim mo akoma mu. Na deɛ ɛyɛ kɛseɛ nnipa mu no yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn anim.


Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo.


Saa na anka mo mu bi teɛ; na afei wɔadware mo, na wɔate mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dane wo ho firi wɔn ho!


ɛmfiri tenenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu nti, na ɛmaa no faa awo foforɔ adwareɛ ne Honhom Kronkron foforɔyɛ so gyee yɛn nkwa.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefoɔ nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Deɛ ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya adware yɛn afiri yɛn bɔne mu,


Na Mika kaa sɛ: Afei na mahunu sɛ AWURADE rebɛyɛ me yie sɛ manya Lewini a ɔdi me sɔfoɔ yi.


Nso na ɔbarima Mika no wɔ nyamefie, na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu baako sɔfoɔ, na ɔbɛyɛɛ ne sɔfoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios