Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 30:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wɔnhyira wɔn na.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wɔnhyira wɔn na.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Nnipa bi dome wɔn agyanom, na wonhyira wɔn nanom nso;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Nnipa bi dome wɔn agyanom, na wɔnnhyira wɔn maamenom nso;

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wonhyira wɔn na.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 30:11
15 Referencias Cruzadas  

Deɛ ɔdome n’agya ne ne na no, ne kanea bɛdum esum kabii mu.


Ani a ɛyi n’agya ahi, na ɛbu ɛna tie animtia no, asubɔnten ho anene bɛtutu, na akɔreɛ mma bɛdi.


Nnome nka deɛ ɔyeyɛ n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Deɛ ɔdome n’agya anaa ne na no, kum na wɔnku no.


Sɛ obiara dome n’agya anaa ne na a, kum na wɔnku no; wadome n’agya ne ne na, ne mogya gu n’atifi.


Na sɛ obi nhwɛ ɔno ara ne nnipa, ne titire no ne fiefoɔ a, wapa gyidie, na ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nnie.


Na sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, wɔnsua onyamesom pa wɔn fie mu kane, ntua wɔn awofoɔ ka; ɛfiri sɛ yei na ɛyɛ na ɛsɔ Nyankopɔn ani.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Na Yohane hunuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, ɔsee wɔn sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔkyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?


Ɔba di n’agya ni, na akoa di ne wura ni. Na sɛ agya ne me a, m’anidie wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he? Asafo AWURADE na ɔreka akyerɛ mo, asɔfoɔ a mobu me din animtia. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛbu wo din animtia?


Tie w’agya, ɔno na ɔwoo woɔ, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios