Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 30:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Nni akoa ho nsekuro nkyerɛ ne wura, na wammɔ wo dua na woanni fɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Nni akoa ho nsekuro nkyerɛ ne wura, na wammɔ wo dua na woanni fɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Nsɛe ɔsomfo din nkyerɛ ne wura; sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wubetua so ka.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Nsɛe ɔsomfoɔ din nkyerɛ ne wura; sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wobɛtua so ka.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Nni akoa ho nseku nkyerɛ ne wura, na wammɔ wo dua na woanni fɔ.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 30:10
18 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.


Deɛ ɔkora aburoo no, nkurɔfoɔ dome no, na nhyira ba deɛ ɔtɔn no so.


Deɛ ɔma ohiani no, ɛrenhia no, na deɛ ɔyi n’ani no bɛnya nnuabɔ pii.


Nso mfa w’akoma nsi nsɛm a wɔka nyinaa so, na woante sɛ w’akoa redome wo.


Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Daniel a ɔfiri Yuda atukɔfoɔ mu no mmu wo, ɔhene, ne ɛmom a woahyɛ no, na ɔbɔɔ mpaeɛ srɛ adeɛ da koro mprɛnsa.


Na ɔhene hyɛe maa wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn bɛguu agyata amena no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wɔnnya nnuruu amena no aseɛ no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.


Hwan ne wo a wobu obi fie nipa atɛn? Ɔno ara ne wura anim na ɔgyina anaasɛ ɔhwe aseɛ; nanso ɔbɛgyina, na Awurade bɛtumi ama no agyina.


Hwɛ yie na w’akomam amma ahuhusɛm bi sɛ: Afe a ɛtɔ so nson, gyae-mukyɛ afe no abɛn, na woannya wo nua hiani no ho adwemmɔne sɛ woremma no hwee, na wanteam amfrɛ AWURADE antia wo, na annane wo bɔne.


Mfa akoa a wadwane afiri ne wura nkyɛn abɛdɔm woɔ nhyɛ ne wura nsa;


na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Adɛn nti na wotie nnipa nsɛm a wɔkeka sɛ: Hwɛ, Dawid pɛ wo bɔne, no?


Enti afei ma me wura ɔhene ntie n’akoa nsɛm. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma no nnye afɔdeɛ. Na sɛ ɛyɛ nnipa mma deɛ a, wɔadome wɔn, AWURADE anim, sɛ wɔapamo me nnɛ sɛ merennya kyɛfa wɔ AWURADE agyapadeɛ no ho, na wɔse: Kɔ na kɔsom anyame foforɔ.


Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wode me bɛsiane akɔ ɛdɔm no nkyɛn? Na ɔse: Ka me Onyankopɔn sɛ worenku me, nso woremfa me nhyɛ me wura nsa, na mede wo bɛsiane akɔ ɛdɔm no nkyɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios