Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 3:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Nyɛ w’ani so onyansafoɔ, suro AWURADE, na dane firi bɔne ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Nyɛ w’ani so onyansafoɔ, suro AWURADE, na dane firi bɔne ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafo; suro Awurade na kyi bɔne.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafoɔ suro Awurade na kyiri bɔne.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Nyɛ w’ani so onyansafo, suro AWURADE, na dan fi bɔne ho.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 3:7
19 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE ho suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho dwanneɛ ne nhunumu.


Mo nyinaa nnya adwenkorɔ; mommmoma mo ho so, na mmom momma ahobrɛasedeɛ mfa mo! Mommmu mo ho anyansafoɔ!


Wohunu onipa a ɔyɛ ɔno ara n’ani so nyansafoɔ a, anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no.


Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na ɔbarima no di mu na ɔtene, na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.


Wɔde adɔeɛ ne nokorɛ kata amumuyɛ so, na wɔde AWURADE suro kwati bɔne.


Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na yei ne nnipa nyinaa asɛdeɛ.


Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ara ani so anyansafoɔ na wɔyɛ wɔn ani so nhunumufoɔ no.


AWURADE suro yɛ nkwa nsutire, na wɔde kwati owuo fidie.


Na, anuanom, mempɛ sɛ mesi mo ahuntasɛm yi soɔ, na moammu mo ho anyansafoɔ. Ɛne sɛ akomapirim aba Israel afaafa mu, de kɔsi sɛ amanaman mufoɔ no bɛwie mayɛ;


Na akane amradofoɔ a wɔdii m’anim no yɛɛ ɔman no so adesoa, na wɔgyegyee wɔn hɔ aduane ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbena aduanan nso. Wɔn asomfoɔ nso homm ɔman no so. Na me deɛ, Nyankopɔn ho suro nti, manyɛ saa.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, na Onyankopɔn rebɛsɔ mo ahwɛ, na ne ho hu atena mo ani so, na moanyɛ bɔne.


Ɛnna Dawid sɔre firii fam, na ɔdware srae, na ɔsakyeraa n’atadeɛ, na ɔkɔɔ AWURADE fie kɔsɔree. Na ɔbaa ne fie, na ɔbisa maa wɔde aduane bɛsii n’anim, na ɔdiiɛ.


AWURADE suro ne bɔne tane: Ahokyerɛ, ahantan, ɔkwammɔne ne akontonkyisɛm ano na mekyire.


Onyansafoɔ suro, na ɔsane firi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodasoɔ fa mu.


Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyadeɛ, gyae wo nhunumu yi akyiridie.


Bua ɔkwasea wɔ n’agyimisɛm so, na wanyɛ n’ani so onyansafoɔ.


Onipa defoɔ yɛ n’ani so nyansafoɔ, na mmɔborɔni nhunumufoɔ hwehwɛ ne mu.


Deɛ ne ho da n’akoma soɔ no yɛ ɔkwasea, na deɛ ɔnam nyansa mu no bɛnya adwaneyɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios