Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 28:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Nnipa bɔne nhunu atemmuo mu, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyiri kwan no hunu ade nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Nnipa bɔne nhunu atemmuo mu, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyiri kwan no hunu ade nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Abɔnefo nte atɛntrenee ase, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te ase yiye.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Abɔnefoɔ nte atɛntenenee ase, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te aseɛ yie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Nnipa bɔne nhu atemmu mu, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyi kwan no hu ade nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 28:5
18 Referencias Cruzadas  

Mehunu adeɛ mu mesene mpanimfoɔ, na mehwɛ wo nsiesieeɛ medi so.


Wo mmara nsɛm ayɛ me onyansafoɔ asene m’atamfoɔ, na ɛwɔ me daa.


AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wɔsuro no, na ɔma wɔhunu n’apam no mu.


Ogyimifoɔ nnim, na ɔkwasea nhunu yei mu.


Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefoɔ, na wakwati Asamando a ɛwɔ aseɛ no.


Ɛno na wobɛhunu tenenee ne atemmuo ne adeɛ a ɛtene ne ɔkwan pa nyinaa mu.


Nyansa korɔn papa ma ogyimifoɔ, ɔmmue n’ano kuro pono mu.


Nantwie nim ne wura, na afunumu nim ne wura adididaka, na Israel deɛ, ɔnnim, me man nni nteaseɛ.


Wɔnnim na wɔnni nhunumu, na wasram wɔn ani so, na wɔanhunu adeɛ, ne wɔn adwene nso, na wɔante aseɛ;


Na ɔse: Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: Teɛ ara na monteɛ, na monnte aseɛ, na hunu ara na monhunu, na monnhunu mu.


Ɛfiri sɛ me man agyimi. Wɔnnim me, wɔyɛ mma nkwaseafoɔ, na wɔnni nhunumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafoɔ, na papayɛ deɛ, wɔnnim.


Ɛfiri sɛ wɔnnim adetenenee yɛ, AWURADE asɛm nie, wɔn a wɔboa atirimuɔden ne dwotwa ano wɔ wɔn aban mu no.


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn anaasɛ ɛfiri me ara me tirim na meka.


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.


Na mo deɛ, moanya ngosra no firi Ɔkronkronni no hɔ, na mo nyinaa nim de.


Na mo deɛ, ngosra a monyaa no ne nsa mu no te mo mu, enti ɛnhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛdeɛ ngosra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokorɛ, na ɛnyɛ atorɔ. Na sɛdeɛ akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios