Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 28:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Deɛ ɔgyegye teefoɔ kɔ bɔne kwan soɔ no, ɔbɛhwe ɔno ara amena mu, na pɛyɛfoɔ bɛdi adepa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Deɛ ɔgyegye teefoɔ kɔ bɔne kwan soɔ no, ɔbɛhwe ɔno ara amena mu, na pɛyɛfoɔ bɛdi adepa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nea odi atreneefo anim de wɔn fa ɔkwan bɔne so no bɛhwe ɔno ankasa afiri mu, nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no benya agyapade a eye.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so no bɛhwe ɔno ankasa afidie mu, nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Nea ogyigye teefo kɔ bɔne kwan so no, ɔbɛhwe ɔno ara amoa mu, na pɛyɛfo de wobedi ade pa.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 28:10
28 Referencias Cruzadas  

na hwɛ sɛ amaneɛ kwan bi wɔ me hɔ, na gya me kɔ daa kwan so!


Na ahobrɛasefoɔ bɛtena asase no so, na wɔagye wɔn ani asomdwoeɛ bebree mu.


Wɔsum m’anammɔn fidie, me kra brɛɛ ase, wɔtuu me kwan mu amena, wɔn ankasa ahwehwe mu.


Amanaman amemmem amena a wɔtuiɛ no mu, afidie a wɔsum huntaeɛ no ayi wɔn nan.


AWURADE mma ɛkɔm nne ɔteneneeni kra, na abɔnefoɔ adepɛ deɛ, ɔka gu.


Ɔteneneeni fie wɔ ahodeɛ pii, na ɔbɔnefoɔ nnɔbaeɛ mu wɔ anitane.


Na teefoɔ na ɛbɛtena asase no soɔ, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtena mu;


Ademudeɛ a ɛsom boɔ ne ngo wɔ onyansafoɔ tenabea, na ɔkwasea deɛ, ɔsɛe no.


Deɛ ɔtu amena bɛhwe ɛno ara mu, na deɛ ɔmuni ɔboɔ no, ɛbɛsane aba ne so.


Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no bɛnya nkwa, na deɛ ɔkyea akwan mmienu mu no bɛhwe baako mu.


Deɛ ɔtu amena no, emu na ɔbɛhweɛ, na deɛ ɔburi ban no, ɔwɔ bɛka no.


Na monhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee kane; na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho.


Na ɛyɛ anuanom atorofoɔ a wɔfiri baabi baeɛ no ntira; wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ yɛn adehyedie a yɛwɔ no Kristo mu no ho akwan, na wɔde yɛn akɔ nkoayɛ mu.


na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidie ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafoɔ.


Mommfa bɔne nntua bɔne ka, nso mommfa ɔyɛ nntua ɔyɛ ka; na mmom monhyira, ɛfiri sɛ yei mu na wɔafrɛ mo, sɛ mommɛgye nhyira.


Nanso mewɔ wo ho nsɛm kakra: Sɛ wowɔ nnipa wɔ wo hɔ a wɔkura Bileam nkyerɛkyerɛ mu, deɛ ɔkyerɛɛ Balak sɛ ɔnto Israel mma suntidua na wɔnni nam a wɔakum ama abosom, na wɔmmɔ adwaman no.


Enti afei ma me wura ɔhene ntie n’akoa nsɛm. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma no nnye afɔdeɛ. Na sɛ ɛyɛ nnipa mma deɛ a, wɔadome wɔn, AWURADE anim, sɛ wɔapamo me nnɛ sɛ merennya kyɛfa wɔ AWURADE agyapadeɛ no ho, na wɔse: Kɔ na kɔsom anyame foforɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios