Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 27:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Sɛdeɛ anomaa a ɔfiri ne pirebuo mu kyini teɛ no, saa na onipa a ɔfiri ne tenaberɛ kɔkyini teɛ ne no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Sɛdeɛ anomaa a ɔfiri ne pirebuo mu kyini teɛ no, saa na onipa a ɔfiri ne tenaberɛ kɔkyini teɛ ne no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Onipa a wayera ne fi kwan, te sɛ anomaa a wafi ne berebuw mu rekyinkyin.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Onipa a wayera ne fie ɛkwan, te sɛ anomaa a wafiri ne pirebuo mu rekyinkyini.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Sɛ anomaa a ofi ne berebuw mu kyin te no, saa ara na onipa a wayera afi ne fi te nen.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 27:8
17 Referencias Cruzadas  

Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduane ne nsuo kotokuo, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ɔmaa no ne abɔfra no kɔe. Na ɔkɔe kɔkyinkyinii Beer-seba serɛ so.


Na Kain firii AWURADE anim kɔe, na ɔkɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apueeɛ.


Ɛnna Farao bisaa no sɛ: Na ɛdeɛn na ɛhia wo me nkyɛn ha na worehwehwɛ w’asase so akorɔ yi? Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ biribiara, nanso gya me kwan ma menkɔ.


Na ɔduruu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ hɔ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?


Onipa a ɔfom firi nimdeɛ kwan soɔ no bɛtena nsamanfoɔ asafo mu.


Sɛdeɛ apatuprɛ kyini na asomfenakatakyi tuo no, saa ara na nnuabɔ hunu remma mu.


Ɔkra a wameeɛ tia ɛwokyɛm so, na ɔkra a ɛkɔm de no deɛ, deɛ ɛyɛ nwono biara yɛ no dɛ.


Na Moab mmammaa bɛyɛ sɛ nnomaa a wɔtu kyini, pirebuo a wɔayi no Arnon asutwareeɛ.


Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na ɔtuaa ka kɔtenaa mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.


Frɛ ko a wɔafrɛ obi wɔ mu no, ma no ntena mu.


ɛpo asorɔkyeɛ a ɛhuru a ɛpu wɔn ara wɔn aniwuo guo, nsoromma a ɛkyinkyini a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa.


Na Odiyifoɔ Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ntena bepɔ so atenaeɛ hɔ, na sim kɔ Yuda asase so. Na Dawid sii mu baa Heret kwaeɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios