Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 27:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Hunu na hunu sɛdeɛ wo nnwan ho teɛ, na fa w’akoma to mmoa akuakuo no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Hunu na hunu sɛdeɛ wo nnwan ho teɛ, na fa w’akoma to mmoa akuakuo no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wubehu wo nguankuw tebea, na ma wʼani nkɔ wo anantwikuw so;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wobɛhunu wo nnwankuo tebea, na ma wʼani nkɔ wʼanantwikuo so;

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Ohu na hu sɛnea wo nguan ho te, na dwene wo mmoa akuwakuw no ho yiye.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 27:23
16 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me wura nim sɛ mma a wɔyɛ mmerɛ ne nnwan ne anantwie a wɔma nufoɔ ka me ho, na sɛ wɔpia wɔn dodo da koro a, nnwankuo no nyinaa bɛwuwu.


Na ɔtotoo aban atentene nso ɛserɛ so, na ɔtutuu mmura pii, ɛfiri sɛ na ɔwɔ mmoakuo bebree mpaperɛ ne asaseta so. Ɔwɔ akuafoɔ ne bobeturoyɛfoɔ, mmepɔ so ne Karmel so, ɛfiri sɛ na ɔpɛ kua.


Na Farao danee ne ho kɔɔ ne fie, na wamfa yei nso anto n’akomam.


Siesie w’adwuma wɔ baabi, na toto wo biribiara w’asase so; na ɛno akyiri no woakyekyere wo fie.


Ɛnna mehwɛeɛ, na medwenee ho yie, mehunui, na mefaa mu nyansa.


Montie AWURADE asɛm, O amanaman, na monka no akyirikyiri nsuano aman so sɛ: Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan.


Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwehwɛ ne nnwankuo akyiri kwan da a ɔwɔ ne nnwan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nnwan akyiri kwan, na mɛyi wɔn afiri deɛ wɔapansam wɔn korɔ nyinaa, mununkum ne sum kabii da no.


Na mone me nnwan, me yɛmmea nnwan, moyɛ nnipa, mene mo Nyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Ɔno na ɛponoanohwɛfoɔ hini ma no, na nnwan no te ne nne, na ɔbɔ ɔno ara ne nnwan din frɛ wɔn firi adi.


ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo akoma nto nsɛm a meredi mo ho adanseɛ nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.


Monyɛne Nyankopɔn nnwankuo a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ mu, sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adufudepɛ nti, na mmom akoma a ɛpɛ nti;


Na ne nua panin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa; na Eliab bo fuu Dawid kaa sɛ: Adɛn nti na wosiane baa ha? Na hwan na wogyaa nnwan kakra a wɔwɔ wiram no hyɛɛ ne nsa? Me deɛ, menim w’aniɛden ne w’akoma mu bɔne dada sɛ ɔko no hwɛ nti na wosiane baeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios