Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 26:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Deɛ ɔtane obie no de n’ano kyerɛ asɛm bi, na ne mu deɛ, ɔsiesie nkontompo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 Deɛ ɔtane obie no de n’ano kyerɛ asɛm bi, na ne mu deɛ, ɔsiesie nkontompo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Onipa bɔne kasa te sɛ nea oye, nanso nnaadaa ahyɛ ne koma ma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Onipa bɔne kasa te sɛ deɛ ɔyɛ, nanso nnaadaa ahyɛ nʼakoma ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Nea ɔtan obi no de n’ano kyerɛ asɛm bi, na ne mu de, osiesie nkontompo.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 26:24
17 Referencias Cruzadas  

Na Yakob mmammarima no kasa de nnaadaa buaa Sekem n’agya Hamor ɛfiri sɛ wagu wɔn nuabaa Dina ho fi.


Ɛnna Absalom kaa sɛ: Sɛ ɛnte saa a, mesrɛ wo ma me nua Amnon ne yɛn nkɔ. Na ɔhene bisaa no sɛ: Adɛn nti na ɔne wo nkorɔ?


Na Absalom hyɛɛ no ara, na ɔmaa Amnon ne ɔhene mma no nyinaa ne no kɔe.


Na Yoab bisaa Amasa sɛ: Me nua, wo ho yɛ anaa? Na Yoab de ne nsa nifa kɔsɔɔ Amasa bɔgyesɛ mu sɛ ɔrefe n’ano.


Sanbalat ne Gesem soma maa wɔbaa me nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetatraa no mu. Na wɔn deɛ, bɔne na wɔredwene no me ho.


Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkyerɛma a ɛka nsɛnkɛseɛ,


Ntwe me mfra abɔnefoɔ ne abusuyɛfoɔ a wɔne wɔn yɔnkonom kasa asomdwoeɛ soɔ, na wɔn akoma mu deɛ, bɔne wɔ mu.


Na sɛ ɔba bɛhwɛ me a, ɔka atorosɛm, n’akoma tase nsɛnhunu fa, ɔfiri adi kɔbɔ dawuro.


Deɛ ɔkata nitan soɔ no wɔ atorɔ ano, na deɛ ɔtwirie no yɛ ɔkwasea.


Nsisie nsania yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na abrammo a ɛtene no yɛ no anisɔ.


Deɛ ɔka nokorɛ no ka deɛ ɛtene, na ɔdansekurumfoɔ deɛ, ɔtwa nkontompo.


Nnaadaa wɔ wɔn a wɔdwene bɔne akoma mu, na asomdwoeɛ ho afotufoɔ nya anigyeɛ.


Teneneeni adwene tene, na abɔnefoɔ agyinatuo deɛ ɛyɛ nkontompo.


Onitefoɔ nyansa ne sɛ ɔhunu ne kwan mu, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.


Na sɛdeɛ ɔdwene ne mu no, sɛ ɔteɛ ne no, ɔse wo sɛ: Didi na nom! Nanso n’akoma nni wo ho.


Monhwɛ mo ho yie mo ayɔnkofoɔ ho, na obiara mmfa ne ho nnto onua biara so, na onua biara, nsisie ara na ɔsisie, na ɔyɔnko biara nam di nsekuro.


Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, me babaa panin Merab nie, ɔno na mede no bɛma wo aware; nnam ara na yɛ ma me, na ko ma AWURADE! Ɛfiri sɛ Saulo dwenee sɛ: Meremma me nsa nnka no, na Filistifoɔ na wɔn nsa nka no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios