Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 24:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɔbarima nyansafoɔ wɔ ahoɔden, na ɔba nimdefoɔ ma ne tumi mu yɛ den.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Ɔbarima nyansafoɔ wɔ ahoɔden, na ɔba nimdefoɔ ma ne tumi mu yɛ den.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Onyansafo wɔ tumi a ɛso, na onimdefo nyin ahoɔden mu;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Onyansafoɔ wɔ tumi a ɛso, na onimdefoɔ nyini ahoɔden mu;

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Ɔbarima nyansafo wɔ ahoɔden, na ɔba nimdefo ma ne tumi mu yɛ den.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 24:5
10 Referencias Cruzadas  

Wɔnante firi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu bɛpue Nyankopɔn anim, Sion.


AWURADE akwan yɛ ahoɔden ma pɛyɛfoɔ, na ɛyɛ ɔsɛeɛ ma amumuyɛfoɔ.


Onyansafoɔ foro nnɔmmarima kuro, na ɔsum ahoɔden a wɔde wɔn ho too soɔ no twene.


Atɛmpa na fa kyekyere wo sa, na nkonim wɔ agyinatufoɔ dodoɔ mu.


Afotuo ne nyansahunu wɔ me, mene nhunumu, mmaninyɛ wɔ me.


Nyansa hyɛ onyansafoɔ den sene atumfoɔ du a wɔwɔ kuro mu.


Wosusu sɛ anosɛm hunu yɛ akodie ho nyansa ne mmaninyɛ? Na afei, hwan so na wode wo ho toɔ na woate me so atua yi?


na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ, wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ, wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.


Na ama wɔde tumi nyinaa ahyɛ mo den, sɛdeɛ n’animuonyam tumidie teɛ no, akɔ boasetɔ ne abodwokyɛre nyinaa mu wɔ anigyeɛ mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios