Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 24:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Ɔbɔnefoɔ, ntɛ ɔteneneeni fie, na nsɛe ne homebea.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Ɔbɔnefoɔ, ntɛ ɔteneneeni fie, na nsɛe ne homebea.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Nkɔtɛw ɔtreneeni fi sɛ ɔkwanmukafo, na nkɔtow nhyɛ nʼatenae so,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Nkɔtɛ ɔteneneeni fie sɛ ɔkwanmukafoɔ, na ɛnkɔto nhyɛ nʼatenaeɛ so,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Ɔbɔnefo, ntɛw ɔtreneeni fi, na nsɛe ne homebea.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 24:15
16 Referencias Cruzadas  

Ahantanfoɔ de fidie ne nhoma ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma kwankyɛn, wɔasum me apa.


Ɔbɔnefoɔ tɛ ɔteneneeni, na ɔhwehwɛ sɛ ɔku no.


Wɔboa ano hyia ma wɔtɛ me, na wɔkari m’anammɔn berɛ a wɔtwɛn me kra.


Na hwɛ, wɔtɛ me kra, akokobirefoɔ boaboa wɔn ho ano tia me. AWURADE, ɛnyɛ me mmarato anaa me bɔne nti.


Sɛ wɔse: Bra ma yɛnkɔ mogya ho adɛm, ma yɛnkɔtɛ deɛ ɔdi bem kwa;


Ntwe tete hyeɛ a w’agyanom abɔ ato hɔ no.


na me man bɛtena asomdwoeɛ fie, ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea.


Nanso me deɛ, na mete sɛ odwammaa a ɔdwoɔ a wɔde no rekɔ akumiiɛ; na mennim sɛ wɔapam me tiri so sɛ: Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba, na yɛntwa mfiri ateasefoɔ asase so, na wɔankae ne din bio.


na wɔtuu agyina sɛ wɔnam nyansa so bɛkyere Yesu akum no.


Na Paulo wɔfase tee wɔn tɛ no, ɔkɔ kɔhyɛnee aban no mu kɔyii Paulo asotire.


na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnom wɔn, na ɔnsoma nkɔfa no mmra Yerusalem; na anka wɔatɛ no kwan so akum no.


Nanso Saulo tee wɔn agyina no. Na wɔwɛnee kuro no apono ano awia ne anadwo sɛ wɔbɛku no.


Na wɔreforo kuro no aforoeɛ no, wɔhunuu mmabaa a wɔrefiri abɛsa nsuo. Na wɔbisaa mmabaa no sɛ: Ɔdehunufoɔ no wɔ hɔ anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios