Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 22:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na AWURADE bɛdi wɔn asɛm ama wɔn, na wɔn a wɔfom wɔn fa no, ɔbɛfom wɔn kra afa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na AWURADE bɛdi wɔn asɛm ama wɔn, na wɔn a wɔfom wɔn fa no, ɔbɛfom wɔn kra afa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 efisɛ Awurade bedi wɔn asɛm ama wɔn, na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafo fa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 ɛfiri sɛ Awurade bɛdi wɔn asɛm ama wɔn na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafoɔ fa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na AWURADE bedi wɔn asɛm ama wɔn, na wɔn a wɔfow wɔn no, ɔbɛfow wɔn kra.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 22:23
23 Referencias Cruzadas  

AWURADE di asɛntenenee, na ɔbu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ nyinaa.


Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE seɛ ni, mɛgye deɛ ɔgu ahome repɛ nkwagyeɛ no nkwa.


AWURADE bɔhyɛ yɛ bɔhyɛ kronkron, te sɛ dwetɛ a wɔanane no ananeeɛ a asene fam a wɔayiyi mu mprɛnson.


Menim sɛ AWURADE bɛdi ɔmanehunufoɔ asɛm, ɔbɛbu atɛn ama ahiafoɔ.


Ampa, teneneefoɔ bɛda wo din ase, teefoɔ bɛtena w’anim.


AWURADE, wo ne wɔn a wɔne me ham no nham, wo ne wɔn a wɔne me ko no nko!


Me nnompe nyinaa bɛka sɛ: AWURADE, hwan na ɔte sɛ wo a wogye ɔmanehunufoɔ deɛ ɔyɛ den sene no no nsam ne ɔmanehunufoɔ ne ohiani firi ne dwotwafoɔ no nsam.


O Onyankopɔn, bu me bem, na wo ne ɔman a ɛnyɛ no nni asɛm mma me. Gye me firi nkontomponi ne omimfoɔ nsam.


Nwisiaa se ne akunafoɔ sɛnnifoɔ ne Onyankopɔn, ne tenabea kronkron mu.


Monnhyɛ ɔbaakunafoɔ anaa awisiaa biara so.


Sɛ wohyɛ wɔn so, na wɔsu frɛ me pɛ a, tie na mɛtie wɔn sufrɛ no,


Abɔnefoɔ akakabensɛm de wɔn kɔ, ɛfiri sɛ wɔpo atemmuo.


Na wɔn gyefoɔ no yɛ otumfoɔ, ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn atia wo.


Due, ɔsɛefoɔ a wo deɛ, wɔnsɛee woɔ, ɔfatwafoɔ a wɔmfaa wo ntwaeɛ! Sɛ wogyae ɔsɛeɛ no a, wɔbɛsɛe wo, na sɛ wonya wie ɔfatwa a, wɔde wo bɛtwa.


Ɛno nti wɔn a wɔtete wo mu nyinaa, wɔbɛte wɔn mu, na wɔn a wɔhiahia wo ho nyinaa, wɔn nyinaa bɛkɔ nnommum mu, na wɔn a wɔtwa wo dwo no, wɔbɛtwa wɔn dwo, na wɔn a wɔfom wo fa nyinaa, mɛma wɔafom wɔn afa.


Wɔn pɔnfoɔ no nso ho yɛ den, asafo AWURADE ne ne din; die na ɔne wɔn ho asɛmpɛfoɔ no bɛdie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wama asase no ahome, na wahyɛ Babelfoɔ ahometeɛ.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meredi w’asɛm mama wo, na matɔ no were mama wo; na mama ne po no mu awo, na n’asubura awe;


Mɛsoa AWURADE abufuhyeɛ no, ɛfiri sɛ mayɛ no bɔne, de akɔsi sɛ ɔbɛham me ham ama me, na wabu atɛn ama me; ɔbɛyi me afiri aba hann mu; mɛhwɛ ne tenenee no.


Ɛsiane sɛ woafom amanaman pii afa nti, na woaka nnipa mogya agu, ne nhyɛsoɔ a wode ahyɛ asase, nkuro ne emufoɔ nyinaa soɔ nti aman mu nkaeɛ nyinaa bɛfom wo nso afa.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn, na AWURADE nnye m’aweretɔdeɛ wo nsam. Na me nsa deɛ, ɛrenka wo.


Na AWURADE nyɛ ɔtemmufoɔ, na ɔmmu me ne wo ntam atɛn, na ɔnhunu na ɔnni m’asɛm mma me, na ɔmmu me atɛn nyi me wo nsam.


Na Dawid tee sɛ Nabal awuo no, ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE a watɔ Nabal nsopa so were ama me na wasɔ n’akoa mu afiri bɔne ho, na AWURADE adane Nabal bɔne agu n’atifi! Na Dawid soma maa wɔne Abigail kɔkasaa sɛ ɔbɛfa no aware.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios