Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 22:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Deɛ ɔdɔ akoma mu teɛ na n’anomu kasa yɛ dɛ no, n’adamfo ne ɔhene.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Deɛ ɔdɔ akoma mu teɛ na n’anomu kasa yɛ dɛ no, n’adamfo ne ɔhene.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Obi a ɔdɔ koma a mu tew na ne kasa ho yɛ nyam no, benya ɔhene afa no adamfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Obi a ɔdɔ akoma a emu teɛ na ne kasa ho yɛ nyam bɛnya ɔhene afa no adamfo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Nea ɔdɔ koma mu tew na n’anom kasa yɛ dɛ no, n’adamfo ne ɔhene.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 22:11
17 Referencias Cruzadas  

Natan ba Asaria di toɔ sohwɛfoɔ so, na Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfoɔ ne ɔhene adamfo;


Na Yudani Mordekai no ne deɛ ɔdi Ɔhene Akas-weros akyire wɔ tumi mu. Yudafoɔ no mu nso ɔyɛ onipa kɛseɛ, na ne nuanom dodoɔ no pɛɛ n’asɛm. Ɔhwehwɛɛ papa maa ne man, na ɔkaa asomdwoeɛsɛm maa n’asefoɔ nyinaa.


M’ani wɔ asase so nokwafoɔ so, sɛ wɔmmɛtena me ho; deɛ ɔnam pɛyɛ kwan soɔ no, ɔno na ɔmmɛsom me.


Deɛ efi nni ne nsam na n’akomam teɛ, deɛ ɔmma ne kra ani nsa ahuhudeɛ, na ɔnka nkontompo ntam.


Wo ho yɛ fɛ sene nnipa mma, wɔde adom ahyɛ w’anomu ma. Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa.


Ɔhene ani sɔ akoa nimdefoɔ, na ne bo fu deɛ ɔyɛ aniwudeɛ.


Ahemfo anisɔdeɛ ne ano tenenee, na deɛ ɔka deɛ ɛtene no, wɔdɔ no.


AWURADE ani kora onimdefoɔ, na ɔbutu ɔkɔnkɔnsani asɛm.


Onyansafoɔ anomu asɛm yɛ nyam, na ɔkwasea ano bɛmene no.


Ɛnna ɔhene maa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego dii yie Babel asase soɔ.


Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.


Na wɔn nyinaa dii no adanseɛ, na adom nsɛm a ɛfiri n’anomu no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔbisaa sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios