Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 21:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ademudeɛ a wɔde atorɔ tɛkyerɛma anya yɛ ahuhuo a ahu korɔ; wɔn a wɔhwehwɛ no hwehwɛ owuo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Ademudeɛ a wɔde atorɔ tɛkyerɛma anya yɛ ahuhuo a ahu korɔ; wɔn a wɔhwehwɛ no hwehwɛ owuo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no, ɛyɛ omununkum a etwa mu kɔ, na ɛsan yɛ owu afiri.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no yɛ huhuro ne owuo afidie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Ademude a wɔde atoro tɛkrɛma anya yɛ ahuhuw a ehuw kɔ; wɔn a wɔhwehwɛ no hwehwɛ owu.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 21:6
12 Referencias Cruzadas  

Ɔbɔnefoɔ akoradeɛ nyɛ mfasoɔ biara, na tenenee gye onipa firi owuo mu.


Ahonyadeɛ a ɛfiri ahuhudeɛ mu sua, na deɛ ɔde ne nsa ano boaboa ano no ma no dɔ.


Ɛnyɛ, ɛnyɛ! Sɛ ɔdetɔfoɔ seɛ ne no, na ɔdane ne ho kɔ a, na ɔrehoahoa ne ho.


Agyapadeɛ a wɔde ntɛmpɛ nya no mfitiaseɛ no, akyire renwie nhyira.


Deɛ ɔdua amumuyɛ no bɛtwa mmusuo, na n’anibereɛ abaa bɛhi.


Yi adehuhuo ne atorosɛm firi me ho kɔ akyirikyiri, mma me ohia anaa ahonyadeɛ, ma mennya m’aduane a ɛhia me no menni,


na deɛ ɔfom me no di ne kra aborɔ, wɔn a wɔtane me nyinaa dɔ owuo.


Deɛ ɔrepɛ adeɛ anya, na ɔnnya no tenenee soɔ no, te sɛ akokɔhwedeɛ a ɔbutu nkosua a ɛnyɛ ɔno ara na ɔtoeɛ soɔ, ɔbɛbu ne nna mu fa agya, na n’awieeɛ mu ɔbɛyɛ ɔkwasea.


Montoto mo mmaratodeɛ a mode too mmara no nyinaa mfiri mo so ngu, na monyɛ akoma foforɔ ne honhom foforɔ mfa. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ mowuo yi, Israel fie?


a ɛsɛ sɛ wɔtua wɔn ano. Wɔn na aniwuo mfasoɔ nti wɔkyerɛkyerɛ deɛ ɛnsɛ, de dane afie ani butuo.


Na wɔnam anibereɛ so de nnaadaasɛm bɛpɛ mo ho mfasoɔ. Wɔn na ɛfiri tete wɔn atemmuo ntwentwɛn aseɛ, na wɔn sɛeɛ ntɔ nko.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios