Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 21:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ani a ɛtra ntɔn ne akoma a ɛhoran, mekyerɛ, abɔnefoɔ kwan no deɛ, ɛyɛ bɔne.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Ani a ɛtra ntɔn ne akoma a ɛhoran, mekyerɛ, abɔnefoɔ kwan no deɛ, ɛyɛ bɔne.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ani a ɛtra ntɔn ne ahomaso koma, ne amumɔyɛfo asetena nyinaa yɛ bɔne!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ani a ɛtra ntɔn ne ahomasoɔ akoma, ne amumuyɛfoɔ asetena nyinaa yɛ bɔne!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ani a ɛtra ntɔn ne koma a ɛhoran, abɔnefo kanea, ɛyɛ bɔne.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 21:4
20 Referencias Cruzadas  

Nanso ɔbɔnefoɔ kanea bɛdum, na ne gyaframa renhyerɛn.


Hann bɛduru sum, ne ntomadan mu, na ne kanea adum wɔ ne so;


Ɔbɔnefoɔ dwa n’anomu ka sɛ: Hwee mfa ne ho. Onyankopɔn bi nni baabi! n’adwene nyinaa ne no.


Deɛ ɔhunta twiri ne yɔnko no, ɔno na mɛtwa no; ahantan ani ne akoma a ɛhoran merempene no.


AWURADE, m’akoma nyɛ dwaeɛ, na m’ani ntra ne ntɔn, na menyɛ apɔmpɔmpɛ, na menhwehwɛ anwanwadeɛ a ɛkyɛne me.


Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.


Abɔnefoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ, na nkantom sɛ ɔde bɛfa adwemmɔne mu aba.


Na akyire asefoɔ nni hɔ mma ɔbɔne, abɔnefoɔ kanea bɛdum.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn sɛ biribi, na wɔamema wɔn anisuatɛtɛ soɔ!


Adeɛ nsia yi na AWURADE tane, aane, na adeɛ nson na ɛyɛ ne kra akyiwadeɛ,


ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkyerɛma, ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo;


AWURADE suro ne bɔne tane: Ahokyerɛ, ahantan, ɔkwammɔne ne akontonkyisɛm ano na mekyire.


Na ɛbɛba sɛ, sɛ AWURADE nya yɛ n’adeɛ a ɔbɛyɛ Sion bepɔ so ne Yerusalem wie a, mɛba mabɛtua Asiriahene akomapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka.


Nnipa ahantan ani bɛbrɛ ase, na mmarima ahomasoɔ ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na mmarima ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Na AWURADE kaa sɛ: Ɛsiane sɛ Sion mmammaa yɛ ahantan na wɔtoto abamkɔn deda wɔn ani akyi nante, wɔde anammɔn ntiantia nenam ma wɔn nan ase nkaa gyegyeɛ nti,


Wo nipadua kanea ne w’ani. Enti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa nso bɛyɛ hann; na sɛ ɛnyɛ a, wo nipadua nso bɛyɛ kusuu.


Mese mo sɛ: Oyi de bem sane kɔɔ ne fie mmom sene ɔbaako no; na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.


Na deɛ n’adwene mu yɛ no naa no, sɛ ɔdi a, wadi fɔ; ɛfiri sɛ ɛmfiri gyidie mu na ɔdie. Na biribiara a ɛmfiri gyidie mu no yɛ bɔne.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios