Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 21:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Deɛ ɔdi tenenee ne adɔeɛ akyire no, ɔbɛnya nkwa, tenenee ne animuonyam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Deɛ ɔdi tenenee ne adɔeɛ akyire no, ɔbɛnya nkwa, tenenee ne animuonyam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Nea otiw trenee ne ɔdɔ no nya nkwa, yiyedi ne anuonyam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Deɛ ɔti tenenee ne ɔdɔ no ɔnya nkwa, yiedie ne animuonyam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Nea odi trenee ne adɔe akyi no, obenya nkwa, trenee ne anuonyam.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 21:21
19 Referencias Cruzadas  

Hann pue sum mu ma nnipa tenenee, ɔne ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔteneneeni.


Ɔteneneeni adeyɛ ma nkwa, ɔbɔnefoɔ nnɔbaeɛ deɛ, ɔde yɛ bɔne.


Deɛ ɔtim tenenee mu no kɔ nkwa mu, na deɛ ɔti bɔne no nya owuo.


Ɔbɔnefoɔ kwan yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na deɛ ɔdi tenenee akyi na ɔdɔ no.


Deɛ ɛdi ahobrɛaseɛ ne AWURADE suro akyire ne ahonyadeɛ ne animuonyam ne nkwa.


na ayɛ nkwa ama wo kra ne animuonyam ama wo kɔn.


Montie me, mo a modi tenenee akyire na mohwehwɛ AWURADE no, monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo firii mu ne abopaebea a wɔtuu mo firii mu no,


Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.


Nhyira ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔameeɛ.


Enti afei momma yɛnni deɛ ɛma asomdwoeɛ ne deɛ ɛbɛma yɛn nkɔsoɔ akyiri.


Enti, me nuanom, adɔfo, montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.


Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka, anaasɛ manya mawie pɛyɛ dada, na mmom mepem kɔ m’anim ara na me nsa aka, sɛdeɛ Kristo nso nsa aka me no.


Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na monsɔ deɛ ɛyɛ no mu den.


Na wo, Nyankopɔn nipa, deɛ, dwane yeinom, na di tenenee, onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyiri.


Dwane firi mmabunuberɛ mu akɔnnɔ ho, na di tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ a ɛka wo ne wɔn a wɔfiri akoma a emu teɛ mu frɛ Awurade bɔ mu no akyi.


Monni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoeɛ ne ahoteɛ a obi kwati a, ɔrenhunu Awurade no akyiri.


na wɔahunu mo gyidie tɔtorɔtɔɔ sɛ ne boɔ yɛ den pii sene sika, a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛeɛ, ama ayeyie ne anidie ne animuonyam, Yesu Kristo ahoyie mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios