Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 21:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Anwea pradada asase so tena yɛ sene ɛyerɛ nwiinwiifoɔ a ne bo nnwo no nkyɛn tena.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Anwea pradada asase so tena yɛ sene ɛyerɛ nwiinwiifoɔ a ne bo nnwo no nkyɛn tena.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Eye sɛ wobɛtena sare so, sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo a ne koma haw no no bɛtena.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɛyɛ sɛ wobɛtena ɛserɛ so, sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ a nʼakoma ha no bɛtena.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Num asase so tena ye sen ɔyere tutupɛfo a ne bo nnwo tena.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 21:19
7 Referencias Cruzadas  

Ɔba kwasea yɛ n’agya mmusuo, na ɔbaa ntɔkwako yɛ daa nsuo a ɛsosɔ.


Ɛdan atifi kokoam tena yɛ sene sɛ wo ne ɔbaa tɔkwapɛfoɔ bɛtena ɛdan mu.


Asusoberɛ mu nsuo a ɛsosɔ daa ne ɔbaa tɔkwapɛfoɔ na ɛsɛ:


ɔbaa a obi mpɛ no na wanya kunu, ne abaawa a wadi n’awuraa adeɛ.


Sɛ merenya akwantemfoɔ asoɛeɛ wɔ anwea pradada so ɛ! Anka mɛgya me man hɔ, na mafiri wɔn nkyɛn makɔ! ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, nkɔnkɔnsafoɔ asafo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios