Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 21:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Onipa a ɔfom firi nimdeɛ kwan soɔ no bɛtena nsamanfoɔ asafo mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Onipa a ɔfom firi nimdeɛ kwan soɔ no bɛtena nsamanfoɔ asafo mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Onipa a ɔman fi nhumu kwan so no bɛhome wɔ awufo fekuw mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan soɔ no bɛhome wɔ awufoɔ fekuo mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Onipa a ɔfom fi nimdeɛ kwan so no bɛtena nsamanfo asafo mu.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 21:16
20 Referencias Cruzadas  

Na wɔn a wɔmane kɔ wɔn akwan nkontonkyi soɔ deɛ, AWURADE de wɔn bɛfra amumuyɛfoɔ akɔ. Asomdwoeɛ mmra Israel so.


Wɔboa Asamando sɛ nnwan; Owuo hwɛ wɔn so, na teneneefoɔ bɛtiatia wɔn so anɔpa, na wɔn deɛ, Asamando bɛsɛe wɔn ahoɔfɛ, na wɔannya tenabea bio.


Deɛ ɔtim tenenee mu no kɔ nkwa mu, na deɛ ɔti bɔne no nya owuo.


Ɛne anyansafoɔ mmɔ, na dane onyansani, na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.


Deɛ ɔkora mmara asɛm no kora ne kra, na deɛ ɔnhwɛ n’akwan yie no bɛwu.


afiri wɔn a wɔgya akwantenenee hɔ kɔnante sum akwan soɔ no ho,


Ɔkwati atenetene nti ɔbɛwu, na n’agyegyentwisɛm dodoɔ nti ɔbɛyera.


Nso onii no nnim sɛ nsamanfoɔ wɔ hɔ, Asamando abunu mu na wɔn a wahyia wɔn no wɔ.


Nanso sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho kɔyɛ abusudeɛ ne akyiwadeɛ nyinaa a ɔbɔnefoɔ yɛ a, ɔbɛnya nkwa anaa? Ne tenenee a ɔyɛeɛ nyinaa, wɔrenkae; ne fom a wafom ne ne bɔne a wayɛ no mu na ɔbɛwuo.


ne wɔn a wɔsane firi AWURADE akyi ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ AWURADE na wɔmmisaa n’akyiri kwan no.


Na mo a anka moyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ ne bɔne mu,


Na deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.


Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ deɛ, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Yeinom yɛ mo dɔ adidie mu nkekaeɛ, wɔne mo redidi, wɔmfɛre adeɛ, wɔyɛne wɔn ho; wɔyɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, nnua a ɛso nhahan aporeɛ a ɛnni aba, na awu mprenu a ne nhini atutuo,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios