Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 19:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Ohiani nuanom nyinaa tane no, na nkantom sɛ ne nnamfonom ne ne ntam rentwe, ɔde nsɛm ti wɔn a, ɔnto wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Ohiani nuanom nyinaa tane no, na nkantom sɛ ne nnamfonom ne ne ntam rentwe, ɔde nsɛm ti wɔn a, ɔnto wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ohiani abusuafo nyinaa po no, na saa ara na ne nnamfonom po no! Mpo ɔhwehwɛ wɔn, pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw, nanso onhu wɔn baabiara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ohiani abusuafoɔ nyinaa po no, na saa ara na ne nnamfonom po no! Mpo ɔhwehwɛ wɔn pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw, nanso ɔnhunu wɔn baabiara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Ohiani nuanom nyinaa tan no, na mpɛn ahe na ne nnamfonom ne no ntam rempan; ɔde nsɛm tiw wɔn a, ɔnto wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 19:7
15 Referencias Cruzadas  

M’adɔfo ne me nnamfo afiri me haw no ho akɔgyina nkyɛn, na m’abusuafoɔ gyinagyina akyirikyiri.


Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me mfidie, na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛeɛ ho asɛm, na wɔdwene nnaadaasɛm da mu nyinaa.


Woayi ɔdɔfo ne adamfo afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri, na me manni kɔ sum mu.


Woayi m’amannifoɔ afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri, wode me ayɛ wɔn akyiwadeɛ, woato me mu a meremfiri adie.


Ɔdefoɔ ahonyadeɛ ne ne kuro a ɛyɛ den, mmɔborɔfoɔ abuo a ɛbu wɔn ne wɔn hia.


Ohiani deɛ, ne yɔnko mpo tane no, na ɔdefoɔ adɔfo dɔɔso.


Kyɛwpa na ohiani de kasa, na ɔdefoɔ bua asɛmdenden.


Ahonya ma obi nya nnamfo pii, na mmɔborɔni ne ne yɔnko ntam tete.


Deɛ ɔsi n’aso firi mmɔborɔfoɔ su ho no, ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so.


Nnya w’adamfo ne w’agya adamfo, na w’amanehunu da, nhyɛne wo nua fie; wo fipamfoɔ a ɔbɛn yɛ sene onua a ɔwɔ akyirie.


Na mo deɛ, moabu ohiani no animtia. Ɛnyɛ adefoɔ no na wɔhyɛ mo soɔ, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnniiɛ anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios