Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 19:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Onipa adɔeɛyɛ na ɛma wɔdɔ no, na ohiani yɛ sene ɔtorofoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Onipa adɔeɛyɛ na ɛma wɔdɔ no, na ohiani yɛ sene ɔtorofoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Nea onipa pɛ ne nokware dɔ; eye sɛ wobɛyɛ ohiani sen sɛ wobɛyɛ ɔtorofo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Deɛ onipa pɛ ne nokorɛ dɔ; ɛyɛ sɛ wobɛyɛ ohiani sene sɛ wobɛyɛ ɔtorofoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Onipa adɔeyɛ na ɛma wɔdɔ no, na ohiani ye sen ɔtorofo.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 19:22
14 Referencias Cruzadas  

Na menim, me Nyankopɔn, sɛ wo deɛ, wosɔ akoma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me deɛ, m’akomam teeyɛ mu na mayi me yam ama yeinom nyinaa, na afei wo man a wɔhu wɔn ɛha yi nso, mede anigyeɛ mahunu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo adeɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Ɛsiane sɛ na ɛwɔ w’akomam sɛ anka wobɛsi dan ama me din nti, woyɛɛ no yie sɛ na ɛwɔ w’akoma mu.


Deɛ ɔpa ne nnamfo de nya kyɛfa bie no, ne mma bɛhwere saa kyɛfa no.


Me nuanom twa nkontompo sɛ asusɔsuwa, sɛ subonhwa a emu nsuwansuwa resene korɔ.


Ampa ara, nnipa mma yɛ huhuo, mmarima mma yɛ atorɔdeɛ. Wɔgu nsaniam a, ɛhwan kɔ soro, wɔn nyinaa yɛ huhuo.


Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu yɛ sene deɛ ɔkyea n’anomu nsɛm na ɔyɛ kwasea.


Adwene pii wɔ onipa akoma mu, nanso AWURADE agyinatuo na ɛbɛgyina.


AWURADE suro de obi kɔ nkwa mu, deɛ ɔkura mu no bɛmee ada, na bɔne biara renka no.


Na sɛ akoma a ɛpɛ no wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛdeɛ onii wɔ adeɛ, na ɛnyɛ sɛdeɛ ɔnnie.


daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios