Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 19:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Adwene pii wɔ onipa akoma mu, nanso AWURADE agyinatuo na ɛbɛgyina.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Adwene pii wɔ onipa akoma mu, nanso AWURADE agyinatuo na ɛbɛgyina.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Nhyehyɛe bebree wɔ onipa koma mu, nanso nea Awurade pɛ no na ɛba mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Nhyehyɛeɛ bebree wɔ onipa akoma mu, nanso deɛ Awurade pɛ no na ɛba mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Adwene pii wɔ onipa komam, nanso AWURADE agyinatu na ebegyina.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 19:21
32 Referencias Cruzadas  

Na mo deɛ modwenee me ho bɔne nanso Onyankopɔn deɛ, na ɔde rebɛyɛ papa. Sɛ ɔbɛyɛ deɛ ada adi nnɛ yi, na ɔbɛgye nnipa pii nkwa.


Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kaa sɛ: Arkini Husai afotuo no yɛ sene Ahitofel deɛ no. Na AWURADE na ahyɛ sɛ wɔmma Ahitofel afotu pa no nyɛ ɔkwa, na AWURADE de bɔne aba Absalom so.


na Ester baa ɔhene anim no, ɔkaa no nwoma no mu, sɛ Haman adwemmɔne a ɔdwenee no Yudafoɔ ho no nsane mmɛbua n’atifi, na wɔnsɛne no ne ne mma dua no so.


Nso ɔno deɛ, ɔnsakyera da, na hwan na ɔbɛsane no? Na deɛ ɔpɛ, na ɔyɛ.


Sɛ wɔbɔ wo ho pɔ bɔne na wɔsusu bɔne bi ho a, wɔrentumi nyɛ.


Wɔka sɛ: Mommra mma yɛnku wɔn ase mfiri ɔman no mu, na wɔankae Israel din bio.


Onipa pa nya AWURADE anim anisɔ, na onipa busuyɛfoɔ deɛ, ɔbu no fɔ.


Akoma mu nhyehyɛɛ yɛ onipa dea, na tɛkyerɛma mmuaeɛ firi AWURADE.


Onipa akoma na ɛdwene ne kwan ho, na AWURADE na ɔsisi n’anammɔn.


Onipa adɔeɛyɛ na ɛma wɔdɔ no, na ohiani yɛ sene ɔtorofoɔ.


Ɔhene akoma te sɛ asutene AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdane korɔ.


Nyansa ne nhunumu ne afotuo biara nni hɔ a ɛne AWURADE bɛdi asie.


Hwɛ, yei nko na mehunuu sɛ: Onyankopɔn yɛɛ onipa tee, na wɔn ara na wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.


Asafo AWURADE aka ntam sɛ: Ampa ara, sɛdeɛ mesusuiɛ no, saa na ɛbɛba mu, na sɛdeɛ mabɔ me tirim no, saa ara na ɛbɛgyina,


Me a mefiri mfitiaseɛ meka awieeɛ asɛm, na mefiri tete mmerɛ no meka deɛ wɔnyɛeɛ no, meka sɛ: Me tirimbɔ bɛgyina, na deɛ ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.


Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛtwe mo aso ɛha yi, na moahunu sɛ mo ho na me nsɛm no bɛba mu ayɛ mo bɔne:


Na deɛ ɛba mo adwene mo no, ɛrenyɛ hɔ oo! Deɛ moka sɛ: Yɛbɛyɛ sɛ amanaman no, sɛ nsase so mmusua no, na yɛasom dua ne ɔboɔ no.


na asase sotefoɔ nyinaa, wɔmmu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefoɔ yɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa atwene na waka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?


Ɔno ara Kristo mu na wayɛ yɛn adedifoɔ nso, sɛdeɛ ɔyɛ nnoɔma nyinaa, ne pɛ agyinatuo soɔ no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,


ne suntiboɔ ne suntiduatoɔ botan ama wɔn. Wɔn na wɔsunti, ɛfiri sɛ wɔntie asɛm no. Ɛno nti na wɔyii wɔn maeɛ.


Na nnipa bi awiawia wɔn ho aba mu a wɔfiri tete atwerɛ wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɛfoɔ a wɔdane yɛn Nyankopɔn adom ahohwie, na wɔpo Owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios