Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 19:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu yɛ sene deɛ ɔkyea n’anomu nsɛm na ɔyɛ kwasea.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu yɛ sene deɛ ɔkyea n’anomu nsɛm na ɔyɛ kwasea.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ohiani a ne nantew ho nni asɛm no ye sen ɔkwasea a nʼasɛm mfa kwan mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm no yɛ sene ɔkwasea a nʼasɛm mfa ɛkwan mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu ye sen nea ɔkyea n’anom nsɛm na ɔyɛ ɔkwasea.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 19:1
16 Referencias Cruzadas  

Na me deɛ, pɛyɛ mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ.


Ɔhunu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm, na n’asefoɔ nso yɛ nhyira.


Ɔteneneeni kyerɛ ne yɔnko kwan, na abɔnefoɔ kwan ma wɔfom.


Deɛ ɔnante ne teeyɛ mu no suro AWURADE, na deɛ ɔkyea n’akwan no bu no animtia.


AWURADE suro mu ade ketewa yɛ sene ahodeɛ pii a ɔhaw bata ho.


Tenenee mu ade ketewa yɛ sene nnɔbaeɛ pii a ɛmfiri tenenee mu.


Onipa adɔeɛyɛ na ɛma wɔdɔ no, na ohiani yɛ sene ɔtorofoɔ.


Ɔteneneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wɔbɛhyira ne mma wɔ n’akyi.


Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu yɛ sene deɛ ɔkyea akwan mmienu mu na wanya ne ho.


Yi ano kontonkyi firi wo ho, na ma nkontompo ano nkɔ akyirikyiri.


Na mogya akeka mo nsam, na amumuyɛ agu mo nsateaa ho fi; mo ano keka atorosɛm, mo tɛkyerɛma woro nkontompo.


Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Anaasɛ, ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?


Na afei hwɛ, na dwene deɛ wobɛyɛ, na wɔakyere yɛn wura ne ne fie nyinaa so sa bɔne, nso ɔyɛ ɔba huhuni a obi ntumi nkasa nkyerɛ no.


Mesrɛ wo, mma me wura mmfa n’akoma nnto onipa huhuni Nabal yi so, na sɛ ne din teɛ no, sɛ ɔteɛ ara ne no, Nabal ne ne din, agyegyentwisɛm wɔ ne mu; na me, w’afenaa deɛ, manhunu me wura mmeranteɛ a wosomaa wɔn no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios