Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 18:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Kyɛwpa na ohiani de kasa, na ɔdefoɔ bua asɛmdenden.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Kyɛwpa na ohiani de kasa, na ɔdefoɔ bua asɛmdenden.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Ohiani srɛ ahummɔbɔ, nanso ɔdefo de kasaden bua no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Ohiani srɛ ahummɔborɔ, nanso ɔdefoɔ de kasaden bua no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Kyɛwpa na ohiani de kasa, na ɔdefo bua asɛnnennen.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 18:23
18 Referencias Cruzadas  

Ɔbarima a ɔyɛ asase no wura no poopoo n’ani kasa kyerɛɛ yɛn, na ɔbuu yɛn asase no so akwansrafoɔ.


Na Yosef ani bɔɔ ne nuanom no anim no, ɔhunuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔnanani wɔ wɔn anim, na ɔpoopoo n’ani kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛhe na mofiri baeɛ? Na wɔse: Yɛfiri Kanaan asase so na yɛbaa aduanetɔ.


Na ɔhene de asɛmdenden buaa ɔman no, na ɔgyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no,


Na ɔhene no de asɛm denden buaa wɔn, na Ɔhene Rehoboam gyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no,


Ɔbɛkoto asrɛ wo pii, anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ akyerɛ wo?


Na Farao se: Hwan ne AWURADE a mɛtie ne nne na mama Israel akorɔ? Mennim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.


Ohiani nuanom nyinaa tane no, na nkantom sɛ ne nnamfonom ne ne ntam rentwe, ɔde nsɛm ti wɔn a, ɔnto wɔn.


Ɔdefoɔ di ahiafoɔ so, na ɔdefɛmni yɛ deɛ ɔde fɛm akoa.


Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo, na ne ho popo m’asɛm ano.


Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.


na mohwɛ deɛ ɔhyɛ atadeɛ fɛfɛ no, na moka sɛ: Wo deɛ, tena deɛ ɛyɛ ha! na moka kyerɛ ohiani no sɛ: Wo deɛ, gyina nohoa anaasɛ tena me nan ase adwa ho ha! a,


Na mo deɛ, moabu ohiani no animtia. Ɛnyɛ adefoɔ no na wɔhyɛ mo soɔ, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnniiɛ anaa?


Ɔbɛkaa sɛ: Mesrɛ wo, ma menni ayutwafoɔ no akyi menni mpɛpɛ mentase afiafi no ntam. Na ɔbae, na ɔkura mu ara de firi anɔpa de abɛduru sɛsɛɛ a ɔnhomee kakraa bi mpo.


Na deɛ ɔbɛka wo fie no bɛba abɛkoto no agye dwetɛbena ne paanoo mua, na waka sɛ: Mesrɛ wo, fa me hyɛ asɔfoɔ adwuma no baako bi mu, na manya paanoo sini madi.


Na Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: Hwan ne Dawid, na hwan ne Yisai ba? Ɛnnɛ nkoa a wɔtete wɔn ho firi wɔn wuranom ho dɔɔso.


Na afei hwɛ, na dwene deɛ wobɛyɛ, na wɔakyere yɛn wura ne ne fie nyinaa so sa bɔne, nso ɔyɛ ɔba huhuni a obi ntumi nkasa nkyerɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios