Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 18:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Owuo ne nkwa wɔ tɛkyerɛma tumi so, na deɛ ɔdɔ no no bɛdi n’aba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Owuo ne nkwa wɔ tɛkyerɛma tumi so, na deɛ ɔdɔ no no bɛdi n’aba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Tɛkrɛma kura nkwa ne owu tumi, na wɔn a wɔdɔ no no bedi nʼaba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Tɛkrɛma kura nkwa ne owuo tumi, na wɔn a wɔdɔ no no bɛdi nʼaba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam, na nea ɔdɔ no no bedi n’aba.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 18:21
21 Referencias Cruzadas  

Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE seɛ ni, mɛgye deɛ ɔgu ahome repɛ nkwagyeɛ no nkwa.


Ɔteneneeni ano yi nyansa adi, na tɛkyerɛma kontonkyi deɛ, wɔbɛtwa.


Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafoɔ deɛ ɔnya akra.


Ano mfomsoɔ yɛ fidie ma ɔbɔnefoɔ, na ɔteneneeni bɛfiri ahohiahia mu.


Deɛ ɔkora n’ano ne ne tɛkyerɛma no, ɔkora ne kra firi ahohia mu.


Monka no ɔteneneeni ho sɛ, ɛbɛsi no yie, na wɔbɛdi wɔn nneyɛɛ so aba.


Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn, AWURADE na ɔseɛ, na mɛsa no yadeɛ.


Moafuntum abɔnefosɛm, mmusuo na moatwa, moadi atorɔ aba. Na wode wo ho too wo kwan, wo nnɔmmarima dodoɔ no so.


Enti sɛ n’asomafoɔ nso dane wɔn ho yɛ sɛ tenenee asomfoɔ a, ɛnyɛ ade nwanwa biara; na ɛbɛwie wɔn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.


Yɛyɛ owuo hwa a ɛde kɔ owuo mu ma ebinom, na yɛyɛ nkwa hwa a ɛde kɔ nkwa mu ma ebinom nso. Na hwan na ɔfata yeinom?


Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfiri mo anomu, na mmom asɛm a ɛyɛ na ɛma nkɔsoɔ a ɛhia, na wɔde adom wɔn a wɔteɛ no.


Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobua obiara.


Na wɔkeka akonkosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a wɔdwane firii wɔn a wɔbɔ nnaadaa bra no mu ɛnkyɛreeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios