Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 17:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Ɔbɔnefoɔ gye ayɛyɛdeɛ firi kokoam, sɛ ɔrebɛdane atemmuo akwan ani.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Ɔbɔnefoɔ gye ayɛyɛdeɛ firi kokoam, sɛ ɔrebɛdane atemmuo akwan ani.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Omumɔyɛfo gye adanmude wɔ sum ase de kyea atɛntrenee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Omumuyɛfoɔ gye adanmudeɛ wɔ esum ase de kyea atɛntenenee.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Ɔbɔnefo gye ayɛyɛde fi kokoam, sɛ ɔrebɛdan atemmu akwan ani.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 17:23
16 Referencias Cruzadas  

Nso nnye kɛtɛasehyɛdeɛ, na ɛfira aniwa, na ɛkyea ateneneefoɔ nsɛm.


Ayɛyɛ te sɛ aboɔden boɔ wɔ deɛ ɔnya no ani so, baabiara a ɛfa no ɛma no yɛ yie.


Onipa ayɛyɛdeɛ bɔ kwan ma no, na ɛde no ba nnipa akɛseɛ anim.


Kokoam adekyɛ pata abufuo, na kokom adanmudeɛ dwodwo abufuhyeɛ.


Aane, nhyɛsoɔ bɔ onyansafoɔ dam, na ayɛyɛdeɛ sɛe akoma.


Wo mansohwɛfoɔ ayɛ atuatefoɔ ne awifoɔ nnamfo. Wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ na wɔdi akyɛdeɛ akyi. Wɔnni mma nwisiaa, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.


Wɔn a wɔbu ɔbɔnefoɔ bem gye adanmudeɛ, na wɔmfa deɛ ɔdi bem no bem mma no.


Wo mu na wɔgyegye adanmudeɛ, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo. Wogyegye mfɛmtomu ne nsiho, na wode apempensie fa wo yɔnko so, na me deɛ, wo werɛ afiri me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Ne mmapɔmma a wɔwɔ soɔ no te sɛ mpataku a wɔtete hanam, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na wɔasɛe akra, deɛ ɛbɛyɛ na wɔanya mfasoɔ bɔne adie.


Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn, na emu asɔfoɔ gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm, na wɔtwere AWURADE ka sɛ: Ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntɛm yi? Bɔne biara remma yɛn so.


Montie yei ɛ, Yakob fie atitire ne Israel fie atemmufoɔ, mo a mokyiri atemmuo na mokyea deɛ ɛtene nyinaa,


Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufoɔ pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛseɛ ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, sɛdeɛ wɔbom nwono amumuyɛ ne no.


Nnane atemmuo ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmudeɛ; na adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani, na ɛdane teneneefoɔ nsɛm ani butu.


Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo.


Nanso ne mma amfa n’akwan so, na wɔmane kɔdii mfasoɔ akyi, na wɔgyegyee adanmudeɛ, na wɔbubuu ntɛnkyea.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios