Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 17:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Deɛ ɔde bɔne hyɛ papa ananmu no, bɔne rempa ne fie da.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Deɛ ɔde bɔne hyɛ papa ananmu no, bɔne rempa ne fie da.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a, bɔne rempa ne fi da.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a, bɔne rempa ne fie da.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Nea ɔde bɔne hyɛ papa ananmu no, bɔne rempa ne fi da.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 17:13
18 Referencias Cruzadas  

Na afei nkrantɛ remfiri wo fie da, ɛsiane sɛ woabu me animtia na woafa Hetini Uria yere abɛyɛ wo yere.


Na mɛyɛ wo fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie ne Ahia ba Baasa fie, huru a woahuru me bo na woama Israel ayɛ bɔne nti.


Wɔde bɔne tua me papa ka, me kra adi basugya.


Na wɔde bɔne tua papa so ka, papa a medi akyire nti wɔpɛ me ho asɛm.


Bɔne ti nnebɔneyɛfoɔ, na ateneneefoɔ deɛ, ɔde papa tua wɔn ka.


Na ɔman mu no nyinaa buaa sɛ: Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma tiri so.


Na ɔtoo nnwetɛbena no guu asɔredan mu, firii hɔ kɔe, na ɔkɔsɛnee ne mene.


Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwene nnoɔma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim!


Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne ka, na mmom monni deɛ ɛyɛ akyiri daa, mo ne nnipa nyinaa ho.


Mommfa bɔne nntua bɔne ka, nso mommfa ɔyɛ nntua ɔyɛ ka; na mmom monhyira, ɛfiri sɛ yei mu na wɔafrɛ mo, sɛ mommɛgye nhyira.


Na Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa kyerɛɛ n’agya Saulo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid ho bɔne; na ɔnyɛɛ wo bɔne biara, na ne nneyɛɛ nso ayɛ wo yie pii.


Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wotene kyɛne me, ɛfiri sɛ wode papa atua me ka, na me deɛ, mede bɔne matua wo ka.


Nso na Dawid aka sɛ: Kwa ara kwa na mahwɛ oyi adeɛ a ɔwɔ no ɛserɛ so nyinaa soɔ, na deɛ ɛyɛ ne deɛ nyinaa mu biribiara anyera, nso bɔne na ɔde ahyɛ me papa ananmu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios