Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 17:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ma osisire a wɔafa ne mma nhyia wo mmom, na ɛnyɛ ɔkwasea n’agyimisɛm mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Ma osisire a wɔafa ne mma nhyia wo mmom, na ɛnyɛ ɔkwasea n’agyimisɛm mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Eye sɛ wubehyia sisi a wɔawia ne mma sen ɔkwasea a ɔregyimi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛyɛ sɛ wobɛhyia sisire a wɔawia ne mma sene ɔkwasea a ɔregyimie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Ma osisi a wɔafa ne mma nhyia wo mmom, na ɛnyɛ ɔkwasea n’agyimisɛm mu.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 17:12
8 Referencias Cruzadas  

Na Husai kaa sɛ: Wo ara wonim w’agya ne ne mmarima sɛ wɔyɛ ahoɔdenfoɔ, na wɔn bo ahuri sɛ sisire a wɔafa ne mma wiram, na w’agya nso yɛ dɔmmarima, na ɔne nkurɔfoɔ no renna anadwo yi.


Ɛnna ɔdanee ne ho, na ɔhunuu wɔn no, ɔde AWURADE din domee wɔn. Na asisirebereɛ mmienu firi kwaeɛ no mu ba bɛtetee wɔn mu mmɔfra aduanan mmienu.


Atuateɛ nko na ɔbɔne rehwehwɛ, na wɔbɛsoma ɔbɔfoɔ tirimuɔdenfoɔ akɔ ne so.


Ɔboɔ yɛ duru na anwea yɛ dompee, nanso ogyimifoɔ abufuo yɛ duru sene ne mmienu nyinaa.


Ɔbɔnefoɔ a ɔdi ɔman mmɔborɔfoɔ soɔ te sɛ gyata a ɔbobom ne sisire a n’ani abereɛ.


Ɔba nyansafoɔ ne ogyimifoɔ di apereɛ a, ɔyɛ hoo oo, ɔsere oo, home nni mu.


Mɛto mahyɛ wɔn so sɛ sisire a wɔafa ne mma, na matete wɔn koko a wɔn akoma da mu no, na mawe wɔn hɔ sɛ gyatabereɛ; wiram mmoa bɛsunsuane wɔn mu.


Na Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no agoro ne ho no, ne bo fuu pii; na ɔsoma maa wɔkɔkunkumm mmɔfra a wɔwɔ Betlehem ne n’ahyeɛ so a wɔadi mfeɛ mmienu ne wɔn a wɔnnya nniiɛ nyinaa, sɛdeɛ berɛ no a ɔbisabisaa anyansafoɔ no kyerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios