Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 16:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Nimdeɛ yɛ nkwa nsutire ma deɛ ɔwɔ, na agyimifoɔ deɛ, wɔn asotwe ne wɔn agyimisɛm.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Nimdeɛ yɛ nkwa nsutire ma deɛ ɔwɔ, na agyimifoɔ deɛ, wɔn asotwe ne wɔn agyimisɛm.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Ntease yɛ nkwa asuti ma wɔn a wɔwɔ bi, nanso agyimisɛm de asotwe brɛ nkwaseafo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Nteaseɛ yɛ nkwa nsutire ma wɔn a wɔwɔ bi, nanso agyimisɛm de asotweɛ brɛ nkwaseafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Nimdeɛ yɛ nkwa nsuti ma nea ɔwɔ, na agyimifo asotwe ne wɔn agyimisɛm.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 16:22
16 Referencias Cruzadas  

Ɔteneneeni ano yɛ nkwa nsutire, na akakabensɛm kata abɔnefoɔ ano.


Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ yɛ nkwa asutire, sɛ onipa de bɛfiri owuo fidie mu.


AWURADE suro yɛ nkwa nsutire, na wɔde kwati owuo fidie.


Anyansafoɔ tɛkyerɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwaseafoɔ ano woro agyimisɛm.


Ɔteneneeni akoma dwene mmuaeɛ ho, na abɔnefoɔ ano woro nsɛmmɔne.


Wɔfrɛ akoma mu nyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ, na ano dɛdɛ ma adenim dɔ.


Onyansafoɔ akoma kyerɛ n’ano nimdeɛ, na ɛma adenim dɔ wɔ n’anomu.


Nsuo a emu dɔ ne ɔbarima anomu nsɛm, asutene a ɛba yie ne nyansa abura.


Ɔkwasea ano ne ne sɛeɛ, na n’anofafa ne ne kra fidie.


na ayɛ nkwa ama wo kra ne animuonyam ama wo kɔn.


Monnyaa wɔn, wɔyɛ anifirafoɔ a wɔkyerɛ anifirafoɔ kwan; na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔte m’asɛm, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmuo mu, na watwa mu afiri owuo mu kɔ nkwa mu.


Honhom ne deɛ ɛma nkwa, ɔhonam deɛ, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.


Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkorɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios