Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 14:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Abɔnefoɔ fie bɛbutu, na teefoɔ ntomadan bɛfefɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Abɔnefoɔ fie bɛbutu, na teefoɔ ntomadan bɛfefɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔbɛsɛe amumɔyɛfo fi, nanso teefo ntamadan bɛyɛ frɔmfrɔm.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔbɛsɛe mumuyɛfoɔ efie, nanso teefoɔ ntomadan bɛyɛ frɔmm.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Abɔnefo fi bebutuw, na teefo ntamadan bɛfefɛw.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 14:11
21 Referencias Cruzadas  

na abɔnefoɔ fekuo bɛyɛ abonini, na ogya bɛhye adanmudegyeɛ ntomadan.


Ampa ara sɛdeɛ amumuyɛfoɔ tenabea teɛ ne no, ne deɛ ɔnnim Onyankopɔn no nso kyɛfa nie.


sɛ moka sɛ: Ɛhe na bakoma no fie wɔ? Na ɛhe na ntomadan a abɔnefoɔ tenaa mu no wɔ?


Ɔtwere ne dan, na ɛrennyina, ɔkura mu, nso ɛrentena hɔ.


W’atamfo bɛfira aniwuo, na abɔnefoɔ ntomadan rennyina hɔ bio.


sɛ wo ho te na wotene a, ampa ara ɔbɛkanyan ne ho ama wo, na wama wo tenenee tenabea no adi yie.


Wo yere yɛ sɛ obobe a ɛso, wo fie mpia mu, wo mma yɛ sɛ ngodua a wɔatetɛ atwa wo pono ho ahyia.


Aka kakraa bi na ɔbɔnefoɔ nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne tenaberɛ a, na ɔnni hɔ.


Deɛ ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ soɔ no bɛhwe ase, na ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahahan.


Wɔbutu abɔnefoɔ, na wɔnni hɔ, na ateneneefoɔ fie deɛ ɛbɛgyina.


AWURADE dwiri ahantanfoɔ fie, na ɔma okunafoɔ hyeɛ tim.


Ɔteneneeni gyene n’ani hwɛ abɔnefoɔ fie, sɛdeɛ wɔka abɔnefoɔ guo sɛe wɔn.


Ademudeɛ a ɛsom boɔ ne ngo wɔ onyansafoɔ tenabea, na ɔkwasea deɛ, ɔsɛe no.


AWURADE nnome wɔ ɔbɔnefoɔ fie, na ɔhyira ateneneefoɔ tenabea.


Mama no afiri adi, asafo AWURADE asɛm nie, na abɛhyɛne owifoɔ fie ne deɛ ɔde me din keka ntanhunu fie, na asoɛ ne fie mfimfini, na ahye ɛno ne emu nnua ne emu aboɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios