Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 13:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Onipa pa gya n’adeɛ ma mma mma, na ɔdebɔneyɛni ahonyadeɛ deɛ, wɔtia ma ɔteneneeni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Onipa pa gya n’adeɛ ma mma mma, na ɔdebɔneyɛni ahonyadeɛ deɛ, wɔtia ma ɔteneneeni.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Onipa pa de agyapade gyaw ne nenanom, na wɔkora ɔbɔnefo ahonyade so ma ɔtreneeni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Onipa pa de agyapadeɛ gya ne nananom, na wɔkora ɔbɔnefoɔ ahonyadeɛ so ma ɔteneneeni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Onipa pa gyaw n’ade ma mma mma, na ɔdebɔneyɛfo ahonyade de, wotia ma ɔtreneeni.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 13:22
11 Referencias Cruzadas  

Na afei mommfa mo mmammaa mmma wɔn mmammarima, na monnnye wɔn mmammaa mmma mo mmammarima, na monnhwehwɛ wɔn ɔmannwoeɛ ne wɔn yiedie ara da, deɛ ɛbɛyɛ na mo ho bɛyɛ den na moadi asase no so nnepa, na mode agya mo mma ma wɔadi so akɔsi daa.


Wo nkoa mma bɛtena ase, na wɔn asefoɔ atim w’anim.


N’asefoɔ bɛyɛ kɛseɛ asase so, wɔhyira teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ.


aane, na hunu wo mma mma. Asomdwoeɛ mmra Israel so.


Mayɛ abɔfra, na afei mabɔ akora, nanso menhunuu onipa tenenee a wɔapa no anaasɛ n’asefoɔ resrɛ aduane.


Nkɔkoraa abotire ne mma mma, na mma animuonyam ne wɔn agyanom.


Deɛ ɔde mfɛntom ne apempensie dɔre n’adeɛ no, ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛhunu mmɔborɔfoɔ mmɔborɔ.


Na onipa a ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔma no ha ne ho tase adeɛ boa ano de ma deɛ ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios