Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 12:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɔyepa yɛ ne kunu abotire, na deɛ ɔka aniwusɛm te sɛ nnompe mu porɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Ɔyepa yɛ ne kunu abotire, na deɛ ɔka aniwusɛm te sɛ nnompe mu porɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛw, nanso ɔyere nimguasefo te sɛ porɔwee wɔ ne kunu nnompe mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛ, nanso ɔyere animguasefoɔ te sɛ porɔeɛ wɔ ne kunu nnompe mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ɔyerepa yɛ ne kunu abotiri, na nea ɔka aniwusɛm te sɛ nnompe mu porɔw.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 12:4
16 Referencias Cruzadas  

Sɛ sika adwinneɛ teɛ wɔ prako hwene mu no, sɛ ɔbaabereɛ a wapo deɛ ɛfata teɛ ne no.


Teneneeni adwene tene, na abɔnefoɔ agyinatuo deɛ ɛyɛ nkontompo.


Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan, na ɔbaa kwasea de ne nsa dwiri.


Akoma mu dwoɔ yɛ honam nkwa, na nitan yɛ nnompe mu porɔ.


Deɛ wanya yerɛ no, wanya adepa, na wanya AWURADE hɔ anisɔ.


Anwea pradada asase so tena yɛ sene ɛyerɛ nwiinwiifoɔ a ne bo nnwo no nkyɛn tena.


Ɛdan atifi kokoam tena yɛ sene sɛ wo ne ɔbaa tɔkwapɛfoɔ bɛtena ɛdan mu.


ɔbaa a obi mpɛ no na wanya kunu, ne abaawa a wadi n’awuraa adeɛ.


Mma mmaa pii ayɛ yie, na wo deɛ, wosene wɔn nyinaa.


Metee na me yafunum popoe, m’ano saa biribiri, ɛnne no ho; ɔporɔ hyɛnee me nnompe mu, na m’ase popoe, nanso meretena ase komm atwɛn ahohiahia da no na mahwɛ deɛ ɔbɛyɛ ɔman a wɔbɛtoaa yɛn no.


Nso ɔbarima nkwati ɔbaa, na ɔbaa nkwati ɔbarima, Awurade mu.


Na ɔbarima deɛ, ɛnsɛ sɛ ɔkata ne tiri soɔ, ɛfiri sɛ ɔyɛ Nyankopɔn suban ne n’animuonyam; na ɔbaa deɛ ɔyɛ ɔbarima animuonyam.


Na afei, me ba, nsuro. Deɛ woka nyinaa, mɛyɛ mama wo, ɛfiri sɛ me manfoɔ a wɔfa kuro pono ano nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbaa pa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios