Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 12:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Onipa akoma mu awerɛhoɔ boto no, na asɛmpa ma akoma tɔ yam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Onipa akoma mu awerɛhoɔ boto no, na asɛmpa ma akoma tɔ yam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Koma a ɛpere ade ho ma onipa botow, nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Akoma a ɛpere adeɛ ho ma onipa boto, nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 12:25
19 Referencias Cruzadas  

Mapompono na mapua koraa, da mu nyinaa mede awerɛhoɔ menam foofoo.


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


Ɛwɔ deɛ ɔworo kasa sɛ nkrantɛ nwowɔeɛ, na onyansafoɔ tɛkyerɛma sa yadeɛ.


Ɔteneneeni kyerɛ ne yɔnko kwan, na abɔnefoɔ kwan ma wɔfom.


Akoma nim ne kra awerɛhoɔ, na n’anigyeɛ nso, ɔhɔhoɔ mfa ne ho mfra mu.


Anigyeɛ akoma ma anim te, na akoma mu awerɛhoɔ bubu honhom.


Ɔmanehunufoɔ nna nyinaa yɛ bɔne, na akoma pa te sɛ daa apontoɔ.


Onipa anomu mmuaeɛ yɛ anigyeɛ ma no, na asɛm a wɔka no ne berɛ mu, sɛdeɛ ɛsi yɛ!


Aniwa so teɛ ma akoma tɔ yam, atesɛm pa deɛ ɛma nnompe mu dɔre sradeɛ.


Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwoɔkyɛm, ɔkra adɔkɔdɔkɔwadeɛ ne nnompe nkwahosan.


Anigyeɛ akoma yɛ aduro pa, na honhom a ɛdi yea no deɛ, ɛwe nnompe mu.


Onipa honhom tumi soa yadeɛ, na honhom a ɛdi yea deɛ, hwan na ɔbɛtumi asoa?


Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ nkɛntɛn mu.


Ngo ne aduhwam ma akomatɔyam, saa ara na onipa adamfo atirimsɛmdie dɛ nso yɛ.


AWURADE Nyankopɔn ama me asuafoɔ tɛkyerɛma, sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm bɛwowa deɛ wabrɛ; ɔnyane me daa anɔpa, ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ.


Na AWURADE de nsɛm pa ne awerɛkyekyerɛ nsɛm buaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios