Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 12:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 AWURADE akyiwadeɛ ne atorɔ ano, na wɔn a wɔdi nokorɛ sɔ n’ani.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 AWURADE akyiwadeɛ ne atorɔ ano, na wɔn a wɔdi nokorɛ sɔ n’ani.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Awurade kyi ano a etwa atoro, na nʼani gye nnipa a wodi nokware ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Awurade kyiri ano a ɛtwa atorɔ, na nʼani gye nnipa a wɔdi nokorɛ ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 AWURADE akyide ne atoro ano, na wɔn a wodi nokware sɔ n’ani.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 12:22
14 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifoɔ sɛ wo, na ɔbɔfoɔ bi nam AWURADE asɛm so aka akyerɛ me sɛ: Kɔsane no na ɔne wo mmra wo fie, na ɔmmɛdi aduane na ɔnnom nsuo. Nanso atorɔ na ɔdi kyerɛɛ no.


AWURADE, yi me kra firi atorɔ ano, firi nnaadaa tɛkyerɛma mu.


Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm. AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.


Nsisie nsania yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na abrammo a ɛtene no yɛ no anisɔ.


AWURADE akyiwadeɛ ne akoma kontonkyifoɔ, na wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ sɔ n’ani.


Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.


Kasantrasoɔ mfata ogyegyentwie, na nkantom sɛ atorɔ ano bɛfata ɔdehyeɛ.


Ɔpanin ne animuonyamfoɔ no ne etire no, na odiyifoɔ atorɔkyerɛkyerɛni ne dua no.


na yei ho mmom na ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho no nhyehyɛ ne ho, sɛ ɔnim de, na wahu me, sɛ mene AWURADE a ɔyɛ adɔeɛ, na ɔbu atɛntenenee, yɛ adetenenee, asase soɔ, na yei na ɛsɔ m’ani, AWURADE asɛm nie.


Na mogu me ho fi, me man mu, atokoɔ nsa ma ma ne paanoo afono ma bi nti, sɛ mode atorɔ a modi kyerɛ me man a wɔtie atorɔ no rekum akra a ɛnni kum, na moregye akra a wɔnnsɛ nkwa no nkwa.


Ɛsiane sɛ mode atorɔ ma ɔteneneeni a, me deɛ, menhyɛ no awerɛhoɔ no akoma tutuo, na mohyɛ ɔbɔnefoɔ nsa mu den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wansane amfiri ne kwammɔne so na wannnya nkwa nti,


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios