Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 12:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Ogyimifoɔ kwan tene n’ani so, na deɛ ɔtie afotuo yɛ onyansafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Ogyimifoɔ kwan tene n’ani so, na deɛ ɔtie afotuo yɛ onyansafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔkwasea akwan teɛ nʼani so, na onyansafo tie afotu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔkwasea akwan tene wɔ nʼani so, na ɔnyansafoɔ tie afotuo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Ogyimifo kwan teɛ n’ani so, na nea otie afotu yɛ onyansafo.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 12:15
19 Referencias Cruzadas  

Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso, na onimdefoɔ mfa nnya atɛmpa:


Ɔba nyansafoɔ tie agya atenetene, na ɔfɛdifoɔ deɛ ɔntie ntwianimu.


Ahantan de ntɔkwa nko na ɛba, na wɔn a wɔtie afotuo deɛ, nyansa ne wɔn te.


Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene onipa ani soɔ, na n’awieeɛ yɛ owuo kwan.


Onyansafoɔ suro, na ɔsane firi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodasoɔ fa mu.


Onipa akwan nyinaa so te n’ani so, na ahonhom karifoɔ ne AWURADE.


Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene wɔ onipa ani soɔ, na mmom n’awieeɛ yɛ owuo kwan.


Tie afotuo na gye atenetene, na woahunu nyansa w’akyirinna mu.


Onipa kwan biara tene n’ani so, nanso akoma karifoɔ ne AWURADE.


Wohunu onipa a ɔyɛ ɔno ara n’ani so nyansafoɔ a, anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no.


Ɔkwadwofoɔ yɛ n’ani so nyansafoɔ sene nnipa baason a wɔkyerɛ adeɛ a ɛsɛ.


Onipa defoɔ yɛ n’ani so nyansafoɔ, na mmɔborɔni nhunumufoɔ hwehwɛ ne mu.


Nyɛ w’ani so onyansafoɔ, suro AWURADE, na dane firi bɔne ho.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho teɛ wɔ wɔn ara wɔn ani soɔ, nanso wɔntee wɔn ho mfirii wɔn fi mu.


Tu onyansafoɔ fo, na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa, ma ɔteneneeni nhunu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu.


Fanyinam aberantewaa hiani nyansafoɔ sene ɔhene akɔkoraa kwasea a ɔntie afotuo bio.


Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo.


Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi wɔ berɛ ko ɔnyɛ obiara, ɔdaadaa ne ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios