Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 10:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 AWURADE akwan yɛ ahoɔden ma pɛyɛfoɔ, na ɛyɛ ɔsɛeɛ ma amumuyɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

29 AWURADE akwan yɛ ahoɔden ma pɛyɛfoɔ, na ɛyɛ ɔsɛeɛ ma amumuyɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Awurade kwan yɛ guankɔbea ma ɔtreneeni, nanso ɛyɛ ɔsɛe ma wɔn a wɔyɛ bɔne.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Awurade ɛkwan yɛ dwanekɔbea ma ɔteneneeni, nanso ɛyɛ ɔsɛeɛ ma wɔn a wɔyɛ bɔne.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

29 AWURADE akwan yɛ ahoɔden ma pɛyɛfo, na ɛyɛ ɔsɛe ma amumɔyɛfo.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 10:29
16 Referencias Cruzadas  

Ɛnyɛ ɔsɛeɛ ne obusufoɔ adeɛ, na akatua denden ne amumuyɛfoɔ kyɛfa anaa?


Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.


Ɛnneɛ na amumuyɛfoɔ atotɔ, wɔasum wɔn ahwehwe fam a wɔntumi nsɔreɛ.


Na abɔnefoɔ deɛ, wɔbɛyera, na AWURADE atamfoɔ bɛyɛ sɛ ɛserɛ so nhwiren, wɔbɛhye awie sa sɛ wisie.


Wɔnante firi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu bɛpue Nyankopɔn anim, Sion.


Abɔnefoɔ fifiri sɛ ɛfan na amumuyɛfoɔ nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.


Onipa bɔne wu a, n’anidasoɔ yera, na amumuyɛfoɔ kwanhwɛ yera.


Tenenee kora deɛ ne kwan yɛ pɛ, na abɔnefosɛm butu ɔdebɔneyɛfoɔ.


Ɛyɛ ɔteneneeni anigyeɛ sɛ ɔbɛdi asɛntenenee, na ɛyɛ hu ma amumuyɛfoɔ.


na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ, wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ, wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.


Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.


Na mɛhyɛ wɔn den, AWURADE mu, na ne din mu na wɔbɛnanteɛ, AWURADE asɛm nie.


metumi ade nyinaa yɛ, deɛ ɔhyɛ me den no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios