Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mika 7:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛda no na wɔbɛfiri Asiria ne Misraim nkuro mu aba wo nkyɛn, na wɔbɛfiri Misraim akɔsi asuo no ano, afiri po akɔsi po, afiri bepɔ no akɔsi bepɔ aba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Ɛda no na wɔbɛfiri Asiria ne Misraim nkuro mu aba wo nkyɛn, na wɔbɛfiri Misraim akɔsi asuo no ano, afiri po akɔsi po, afiri bepɔ no akɔsi bepɔ aba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Da no, nnipa bɛba wo nkyɛn afi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu, mpo wobefi Misraim akosi Eufrate afi po akosi po ne bepɔw so akosi bepɔw so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛda no, nnipa bɛba wo nkyɛn firi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu, mpo wɔbɛfiri Misraim akɔsi Eufrate afiri ɛpo akɔsi ɛpo ne bepɔ so akɔsi bepɔ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛda no na wobefi Asaria ne Misraim nkurow mu aba, na wobefi Misraim akosi asu no ano, afi po ne po, bepɔw ne bepɔw ntam aba.

Ver Capítulo Copiar




Mika 7:12
15 Referencias Cruzadas  

Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu.


Na tempɔn bɛda hɔ afiri Asiria ama ne man nkaeɛ a wɔaka no, sɛdeɛ ɛdaa hɔ maa Israel, ɛda a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no.


mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafoɔ fam sɛ: Mfa nkora! Fa me mmabanin firi akyirikyiri bra, ne me mmammaa firi asase ano,


Hwɛ, yeinom firi akyirikyiri bɛba, na hwɛ, yeinom firi atifi fam ne atɔeɛ fam, na yeinom nso firi Sinifoɔ asase so.


Na me ara mɛboa me nnwan nkaeɛ ano afiri nsase a mapam wɔn akɔ soɔ no nyinaa so, na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ.


Nna no mu na Yuda fie ne Israel fie bɛbom ananteɛ, na wɔafiri atifi fam asase so aba asase a mede memaa wɔn agyanom dii soɔ no so.


Hwɛ, mede wɔn mefiri atifi fam asase so mereba, na makɔboa wɔn ano afiri asase ano tɔnn; wɔn mu anifirafoɔ ne mpakye, apemfoɔ ne mmaatan nyinaa wɔ mu bi; asafo yuu na wɔbɛsane aba.


Na wo, m’akoa Yakob, nsuro, na mma w’akoma nntu, O Israel. Na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri ne w’asefoɔ nso afiri wɔn nnommumfa asase no so, na Yakob asane aba abɛhome atena ase dwoodwoo, na obiara nni hɔ a ɔbɛyi no hu.


Ɛda no na mɛma abɛn bi afifiri ama Israel fie, na wo na mɛma wo kwan na woabue w’ano wɔ wɔn mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merekɔfa Israel mma afiri amanaman a wɔakɔ hɔ no mu, na maboa wɔn ano afiri mmaa nyinaa ahyia, na mede wɔn akɔ wɔn asase so,


Wɔde ahopere bɛfiri Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafiri Asiria asase so aba sɛ mmuruburo, na mede wɔn madua wɔn afie mu, AWURADE asɛm nie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios