Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mika 4:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Afei, adɛn nti na woteam denden? Ɔhene biara nni wo mu anaasɛ wo fotufoɔ no ayera, na awoɔ aka wo sɛ ɔwofoɔ yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Afei, adɛn nti na woteam denden? Ɔhene biara nni wo mu anaasɛ wo fotufoɔ no ayera, na awoɔ aka wo sɛ ɔwofoɔ yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Adɛn nti na afei woresu dennen, wunni ɔhene ana? Wo futufo ayera, na enti ɔyaw aka wo sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛdeɛn enti na afei woresu denden, wonni ɔhene anaa? Wo futufoɔ ayera, na enti, ɔyea aka wo sɛ ɔbaa ɔwɔ awokoɔ mu?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Afei, ɛdɛn nti na woteɛm dennen? So ɔhene bi nni wo mu, anaasɛ wo fotufo no ayera, na awoko aka wo sɛ ɔwofo yi?

Ver Capítulo Copiar




Mika 4:9
20 Referencias Cruzadas  

Tie, me man babaa sufrɛ nne firi akyirikyiri asase so: AWURADE nni Sion, anaasɛ ne hene no nni mu bio? Ɛdeɛn nti na wɔde wɔn ahoni ne amannɔne abosom no ahuru me boɔ?


Na afei wɔbɛka sɛ: Yɛnni hene, ɛfiri sɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni.


Yɛn hwene mu ahome, deɛ AWURADE asra no no, wɔakyere no wɔn amena mu, ɔno a yɛkaa sɛ: Ne nwunu ase na yɛbɛnya nkwa, amanaman mu no.


Babel hene te wɔn nka, na ne nsam ago; ahohiahia akye no, ne yea sɛ ɔbaa wofoɔ.


Wo a wote Lebanon ayɛ wo pirebuo ntweneduro soɔ no, sɛ ɔyea ne awoko a ɛte sɛ ɔbaa wofoɔ deɛ ba wo so a, sɛdeɛ wobɛsi ayɛ mmɔbɔ afa.


Ɛnkɔsi da bɛn na menhunu frankaa na mente totorobɛntohyɛn?


Sɛdeɛ onyinsɛnfoɔ a ɔbɛn awoɔ kyem na ɔtea mu ne yea mu no, sɛdeɛ yɛteɛ, wo, AWURADE, anim ne no;


Enti m’asene mu ka me dwɛɛdwɛɛ, ɛkyem aka me sɛ ɔwofoɔ kyem; yea a ɛyɛ me nti, mente asɛm, me ho a ɛyera me nti, menhunu adeɛ,


na wɔn ho bɛdwiri wɔn, nketenkete ne awerɛhoɔ bɛkuta wɔn, wɔbɛhunu yea sɛ ɔwofoɔ a ɔreko awoɔ. Wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa, wɔn anim bɛyɛ sɛ ogyaframa anim.


Ɔbaa, sɛ ɔrewo a, ɔte yea, ɛfiri sɛ ne dɔn adu; na sɛ ɔnya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigyeɛ a wanya sɛ wɔawo ɔba aba wiase no nti.


na wafa afuro, na ɔretea mu reko awoɔ, na awoɔ aden no.


Wɔbɛfa nkuro akɛseɛ no, na wɔagye nkuro a ɛyɛ den no, na ɛda no Moab nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma.


Ɔwofoɔ awoɔ bɛka no; ɔno deɛ, ɔyɛ ɔba a ɔnni nyansa, sɛ ɛduru ne berɛ so a, ɔmmmɛgyina deɛ mma fa mu siane hɔ.


Enti ɔde wɔn bɛma akɔsi berɛ a ɔwofoɔ bi bɛwoɔ, na ne nuanom nkaeɛ bɛsane ne Israel mma nso aba.


Na metee nne a ɛte sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ deɛ, ahohiahia a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrebone awoɔ deɛ, Sion babaa nne, ɔsi apini, ɔtrɛ ne nsam sɛ: Mennue! Na me kra atɔ awudifoɔ nsam piti.


Enti, nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm nie, na mma w’akoma nntu, O Israel, na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri, na magye w’asefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsane aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obiara renyi no hu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios