Mika 2:12 - New Revised Asante Twi Bible12 Boa na mɛboa mo nyinaa ano, Yakob, nhyia na mɛhyia Israel nkaeɛ. Mɛka wɔn mabom sɛ nnwan wɔ nnwammuo mu, sɛ mmoakuo wɔn didibea so; nnipa dodoɔ a wɔyɛ hoo. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron12 Boa na mɛboa mo nyinaa ano, Yakob, nhyia na mɛhyia Israel nkaeɛ. Mɛka wɔn mabom sɛ nnwan wɔ nnwammuo mu, sɛ mmoakuo wɔn didibea so; nnipa dodoɔ a wɔyɛ hoo. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm12 “Mɛboaboa mo nyinaa ano Yakob; nokware mɛka Israel nkae no nyinaa abɔ mu. Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nguan a wogu nguannan mu, te sɛ nguankuw a wɔwɔ adidibea; nnipa bɛhyɛ beae hɔ manyamanya. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm12 “Mɛboaboa mo nyinaa ano Ao, Yakob; nokorɛm mɛka Israel nkaeɛfoɔ no nyinaa abɔ mu. Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nnwan a wɔgu nnwammuo mu, te sɛ nnwankuo a wɔwɔ adidibea; nnipa bɛhyɛ beaeɛ ho manyamanya. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON12 Ɔboa na mɛboa mo nyinaa ano, O Yakob, hyia na mehyia Israel nkae; mɛka wɔn mabom sɛ nguan a wɔwɔ nguanban mu, sɛ mmoakuw wɔ wɔn didibea, nnipa dodow nti, wɔbɛyɛ hoo. Ver Capítulo |