Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mika 1:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Enti wobɛma Moreset-gat nkradie akyɛdeɛ: Aksib afie di Israel ahemfo hwammɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Enti wobɛma Moreset-gat nkradie akyɛdeɛ: Aksib afie di Israel ahemfo hwammɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Enti mode ntetewmu akyɛde bɛma Moreset-Gat, Aksib kurow bɛdaadaa Israel ahemfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat, Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Enti wɔbɛma Moreset-gat nkradi akyɛde: Aksib afi bedi Israel ahene huammɔ.

Ver Capítulo Copiar




Mika 1:14
10 Referencias Cruzadas  

Na ɔkaa Moab nso gui, na ɔmaa wɔdedaa fam akuo mmiɛnsa. Na wɔkumm nnipa akuo no mu mmienu, na wɔgyaa ekuo baako sɛ wɔntena ase. Na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ ma no.


Na Ahas faa dwetɛ ne sika a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu no soma maa wɔde kɔmaa Asiriahene sɛ ayɛyɛdeɛ.


Ampa ara, nnipa mma yɛ huhuo, mmarima mma yɛ atorɔdeɛ. Wɔgu nsaniam a, ɛhwan kɔ soro, wɔn nyinaa yɛ huhuo.


Negeb mmoa ho atemmusɛm. Wɔfa ahohiahia ne ahokyere asase so, deɛ gyatabereɛ ne gyatanini fire no, deɛ ahuritia ne ɔwɔ a ɔtuo wɔ no, wɔde wɔn nnoɔma agu mfunumu akyiri, na wɔde wɔn akoradeɛ agu yoma akyiri apɔ so, wɔde rekɔ ɔman a wɔn ho remma wɔn mfasoɔ biara no nkyɛn.


Adɛn nti na me yea wɔ hɔ daa yi, na me kuro ayɛ nkudaa a wɔsa a, ɛnsa yi? Wobɛyɛ sɛ asuo a ɛdi hwammɔ a ɛnnyina ama me anaa?


ne Keila ne Aksib ne Maresa: Nkuro nkron ne ɛho nkuraa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios