Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 9:35 - New Revised Asante Twi Bible

35 Na Yesu kyinii nkuro ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

35 Na Yesu kyinii nkuro ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

35 Yesu kyinkyinii nkurow so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔe no, ɔkaa asɛmpa no saa nyarewa ahorow bebree.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

35 Yesu kyinkyinii nkuro so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔsaa nyarewa ahodoɔ bebree.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

35 Na Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔn hyiadan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 9:35
12 Referencias Cruzadas  

Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wɔntu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.


Na ɛbaa sɛ Yesu wiee n’asuafoɔ dummienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔn nkuro mu.


Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.


Na wɔyii Yohane maeɛ akyiri no, Yesu baa Galilea bɛkaa Nyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe.


Na baabiara a ɔkɔeɛ, nkuraase, anaa nkuro, anaa nkuraa mu no, wɔde ayarefoɔ bɛguu edwa mu; na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔnka n’atadeɛ ano nnwo nko ara; na dodoɔ a wɔkaa no no, wɔn ho yɛɛ wɔn den!


Na wɔn gye a wɔnnye nnie no yɛɛ no nwanwa. Na ɔkyinkyinii nkuraa no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛe.


Na ɔnenam nkuro mu ne nkuraa ase rekyerɛkyerɛ, na na ɔnam so rekɔ Yerusalem.


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios