Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 9:33 - New Revised Asante Twi Bible

33 Na ɔtuu honhommɔne no no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Wɔnhunuu saa bi da wɔ Israel.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

33 Na ɔtuu honhommɔne no no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Wɔnhunuu saa bi da wɔ Israel.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Yesu tuu honhommɔne no na prɛko pɛ, mum no kasae. Saa honhommɔnetu yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nwonwa ma wɔkae se, “Yenhuu saa anwonwade yi bi da wɔ Israelman mu ha!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Yesu tuu honhommɔne no na prɛko pɛ, mumu no kasaeɛ. Saa honhommɔne tuo yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nwanwa ma wɔkaa sɛ, “Yɛnhunuu saa anwanwadeɛ yi bi da wɔ Israelman mu ha!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

33 Na otuu honhommɔne no, mum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no nwonwa, na wɔkae sɛ: Wonhuu saa bi da wɔ Israel.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 9:33
12 Referencias Cruzadas  

Na Nyankopɔn nipa Elisa tee sɛ Israel hene asunsuane ne ntadeɛ mu no, ɔsoma maa wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn sɛ: Adɛn nti na woasunsuane wo ntadeɛ mu? Ma no mmra me nkyɛn ɛ, na ɔnhunu sɛ odiyifoɔ bi wɔ Israel.


Yuda mu na wɔahunu Onyankopɔn, ne din so Israel mu.


ɛno na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkyerɛma ato ahurisie dwom, na nsuo bɛtue ɛserɛ so, na nsuwansuwa asene anwea pradada so;


Wo a woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ Misraim asase so de bɛsii nnɛ da yi, ne Israel ne nnipa nyinaa mu, na wode gyee din, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Na Yesu teeɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔdi n’akyire no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, Israel mu mpo menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ pɛn.


Na wɔrefiri adie no, hwɛ, wɔde emum bi a honhommɔne wɔ ne soɔ brɛɛ no.


Na ɔsɔreeɛ, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ firii wɔn nyinaa anim kɔeɛ; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam kaa sɛ: Yɛnhunuu sei bi da!


Na ɔretu honhommɔne bi a ɔyɛ mum. Na ɛbaa sɛ honhommɔne no firii adie no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa.


Na Yesu tee yei no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔdi n’akyire no sɛ: Mese mo sɛ, Israel mu mpo, menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios