Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 9:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Na ɔduruu fie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn; na Yesu bisaa wɔn sɛ: Mogye di sɛ mɛtumi mayɛ yei? Wɔbuaa no sɛ: Aane, owura.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

28 Na ɔduruu fie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn; na Yesu bisaa wɔn sɛ: Mogye di sɛ mɛtumi mayɛ yei? Wɔbuaa no sɛ: Aane, owura.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Yesu duu fie no, anifuraefo no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn se, “Mugye di sɛ metumi ama moahu ade?” Wobuaa no se, “Yiw, Awurade, yegye di!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Yesu duruu efie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ mɛtumi ama moahunu adeɛ?” Wɔbuaa no sɛ, “Aane, Awurade, yɛgye di!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Na oduu fie no, anifuraefo no baa ne nkyɛn; na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mugye di sɛ metumi mayɛ eyi? Wɔbuaa no sɛ: Yiw, owura.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 9:28
14 Referencias Cruzadas  

na esiam kuruwa no so anhwan, na ngo toa no so ante, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Elia so kaeɛ no teɛ no.


Ɛda no ara Yesu firii fie kɔtenaa mpoano.


Afei ɔgyaa nkurɔfoɔ akuakuo no hɔ, na ɔbaa fie. Na n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa sɛ: Kyerɛ yɛn afuo mu wura bɔne ho bɛ no ase.


Na wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie nti, wanyɛ tumi nnwuma pii wɔ hɔ.


Na Yesu baa Petro fie no, ɔbɛhunuu n’asebaa sɛ ɔda hɔ yare yarefufuo.


Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.


Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ: Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo. Na ɛfiri dɔn no ara mu no na ɔbaa no ho yɛɛ no den.


Na Yesu firi hɔ rekorɔ no, anifirafoɔ baanu dii n’akyi teateaa mu sɛ: Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!


Ɛnna ɔde ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ: Sɛdeɛ mo gyidie teɛ no, ɛnyɛ saa ara mma mo!


Na obiara a ɔte ase na ɔgye me die no renwu da. Wogye yei di anaa?


Yesu see no sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ wogye di a, wobɛhunu Nyankopɔn animuonyam?


Oyi tee sɛ Paulo rekasa; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hunuu sɛ ɔwɔ gyidie sɛ ɔbɛnya ayaresa,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios