Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 8:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Yesu teeɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔdi n’akyire no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, Israel mu mpo menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ pɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na Yesu teeɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔdi n’akyire no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, Israel mu mpo menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ pɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Yesu tee saa asɛm no, ɛyɛɛ no nwonwa. Ɔdan nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wodi nʼakyi no se, “Israelman mu nyinaa, minhuu gyidi a ɛte sɛɛ da.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Yesu tee saa asɛm yi no, ɛyɛɛ no nwanwa. Ɔdanee nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔdi nʼakyi no sɛ, “Israelman mu nyinaa, menhunuu gyidie a ɛte sei da.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na Yesu tee no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wodi n’akyi no sɛ: Nokware mise mo sɛ, Israel mu mpo minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ pɛn.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 8:10
9 Referencias Cruzadas  

Na wɔbɛtenatenaa n’anim, ɔpanin sɛdeɛ ne panin teɛ, ne akumaa sɛdeɛ n’akumaa teɛ, na ɛyɛɛ nnipa no nyinaa nwanwa.


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O, ɔbaa, wo gyidie so; ɛnyɛ mma wo sɛdeɛ wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babaa no ho yɛɛ no den.


Na mese mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidiiɛ ɔsoro ahennie mu;


Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase, na mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ bi sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.


Na wɔn gye a wɔnnye nnie no yɛɛ no nwanwa. Na ɔkyinkyinii nkuraa no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛe.


Na ɔhunuu wɔn gyidie no, ɔsee no sɛ: Onipa, wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Wo gyidie agye wo, kɔ asomdwoeɛ mu!


Na Yesu tee yei no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔdi n’akyire no sɛ: Mese mo sɛ, Israel mu mpo, menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ.


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri ne nwanwa, na wɔkaa sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafoɔ anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios